الشمس
The Sun • 15 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Mede Awia ne ne nhyerεnee,
2Ne bosome, εberε a ɛbɛdi awia akyi,
3Ne adekyeε, εberε a εbεda (awia) animuonyam no adi,
4Ne adesaeε, εberε a εbεkata (abͻdeε) soͻ,
5Ne ͻsoro ne Nea Osii (ͻsoro no), anaa adeε a yεde yεε ͻsoro no,
6Ne Asaase ne Nea Ɔtrεε (asaase no) mu,
7Ne (onipa) kraa, ne Nea Osiesiee no pεpεεpε,
8Na Oyii deε εyε bͻne, ne deε εyε papa adi kyerεε (ͻkra) no, di nse sε:
9Nokorε, obi a ͻbεyε ne kraa kronkron no adi nkonim.
10Na nea ɔbɛtia ne kraa soͻ (anaa obegu ne kraa ho fii) no adi nkoguo.
11Samuudfoͻ de wͻn atuateε poo (wͻn Nkͻmhyεni Soalihu).
12Ɛberε a, wͻn mu tibͻneεni no sͻre tee atua,
13Nyankopͻn Somafoͻ (Soalihu) ka kyerεε wͻn sε: “(Aboa no) yε Nyankopͻn yoma bedeε, enti moma no kwan na ͻnom nsuo (no bi).
14Nanso wͻbuu no ᴐtorofo, na wͻkum (yoma bedeε) no. Enti wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn bͻne sεee wͻn pasaa kataa wͻn so pεpεεpε.
15Na Nyankopͻn deε Ɔnsuro (deε Ɔyε biara) akyire asεm.