الأعلى
The Most High • 19 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Bͻ wo Wura Nyankopͻn Kokuroko no abodin.
2(Wo Wura) no a Ɔbͻͻ adeε, totoo biribiara pεpεεpε,
3Na Ɔyε nhyehyεe san kyerε (nipa) kwan,
4Na Ɔma nwira mono fifiri,
5Na Ɔma no woɔ, na ɛdwan.
6(Ɔkͻmhyεni), Yεbεkenkan (Qur’aan no) akyerε wo, na wo werε mfi,
7Gye sε deԑ Nyankopͻn pε. Nokorε sε, Ɔno na Ɔnim deε εda adie ne deε asuma.
8Na Yεbεyε no mmrε ama wo ama no ayε mmrε.
9Enti tu (wͻn) fo, efrisε mfasoͻ wͻ afutuo no so.
10Obi a ɔsuro Nyame no de bɛtu ne ho fo.
11Na otibͻneni no deε ͻbεtwe ne ho afiri ho.
12Ɔno na ͻbεkͻ egya kεseε no mu no.
13Ɔnnwu wͻ mu, na ɔnya nkwa nso.
14Nokorε sε, obi a ɔbɛdi ne ho nni anaasε ͻbεyε kronkron no adi nkonim,
15Na Ͻbͻ ne Wura Nyankopͻn abodin, yԑ Sala (anaa ͻfrε Nyame).
16Nanso mopε saa wiase asetena yi,
17Aberε nso a Daakye deε no na εyε, εno nso na εwͻ hͻ daa.
18Nokorε sε, saa (afutuo) yi wͻ tetefoͻ no Nsεmpa no mu;
19Abraham ne Mose Nsεmpa Nwoma no.