Al-Ghashiyah

الغاشية

The Overwhelming26 ayahsMeccan

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

هَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ ٱلۡغَٰشِيَةِ﴿١

1Asεm kεseε a (nehuu) boro (nipa) soͻ no ho asεm no abɛduru wo hͻ?

وُجُوهٞ يَوۡمَئِذٍ خَٰشِعَةٌ﴿٢

2Saa Da no, ebinom ani bɛwu,

عَامِلَةٞ نَّاصِبَةٞ﴿٣

3Adwumaden, ͻberεhunu,

تَصۡلَىٰ نَارًا حَامِيَةٗ﴿٤

4Wͻbεkͻ Ogya tanaa a, ano yε den paa mu,

تُسۡقَىٰ مِنۡ عَيۡنٍ ءَانِيَةٖ﴿٥

5Yεbεma wͻn anom nsuo wͻ Nsuohyeε abura mu.

لَّيۡسَ لَهُمۡ طَعَامٌ إِلَّا مِن ضَرِيعٖ﴿٦

6Wͻnya aduane nni, na mmom gye sε (nkasεε dua nyononyono bi a yεfrε no) ‘Doariin’ (na wͻbεweε).

لَّا يُسۡمِنُ وَلَا يُغۡنِي مِن جُوعٖ﴿٧

7Ɛnyε wͻn honam yie, na εmmee wͻn nso.

وُجُوهٞ يَوۡمَئِذٖ نَّاعِمَةٞ﴿٨

8Saa Da no ebinom nso anim bεyε frͻmfrͻm fεfεεfε.

لِّسَعۡيِهَا رَاضِيَةٞ﴿٩

9Wͻn ani bεgye wͻn mmͻdemmͻ ho,

فِي جَنَّةٍ عَالِيَةٖ﴿١٠

10Wͻ Animuonyam Aheman no mu.

لَّا تَسۡمَعُ فِيهَا لَٰغِيَةٗ﴿١١

11Wͻnte nsεm hunu biara wͻ hͻ.

فِيهَا عَيۡنٞ جَارِيَةٞ﴿١٢

12Asutire a εretene bi wͻ mu.

فِيهَا سُرُرٞ مَّرۡفُوعَةٞ﴿١٣

13Animuonyam ahennwa bi a yama soͻ nso wͻ mu,

وَأَكۡوَابٞ مَّوۡضُوعَةٞ﴿١٤

14Ne nhwehwε nkuruwaa a, esisi hͻ,

وَنَمَارِقُ مَصۡفُوفَةٞ﴿١٥

15Ne mpikyi (anaasε atԑ anaa Kushin) a, yato no santen.

وَزَرَابِيُّ مَبۡثُوثَةٌ﴿١٦

16Ɛne kapεt papa a, εsesε hͻ.

أَفَلَا يَنظُرُونَ إِلَى ٱلۡإِبِلِ كَيۡفَ خُلِقَتۡ﴿١٧

17Enti wͻnhunuu sεdeε yɛasi abͻ Yoma?

وَإِلَى ٱلسَّمَآءِ كَيۡفَ رُفِعَتۡ﴿١٨

18Ɛne ͻsoro sεdeε yɛasi apagya no?

وَإِلَى ٱلۡجِبَالِ كَيۡفَ نُصِبَتۡ﴿١٩

19Ɛne mmepͻ, sεdeε yɛasi de atintim hͻ pintinn?

وَإِلَى ٱلۡأَرۡضِ كَيۡفَ سُطِحَتۡ﴿٢٠

20Ɛne asaase sεdeε yɛasi atrε mu?

فَذَكِّرۡ إِنَّمَآ أَنتَ مُذَكِّرٞ﴿٢١

21Enti tu (wͻn) fo, efirisε woyε obi a wotu (amanfoͻ) foͻ.

لَّسۡتَ عَلَيۡهِم بِمُصَيۡطِرٍ﴿٢٢

22Wonyε obi a wohyε wͻn so,

إِلَّا مَن تَوَلَّىٰ وَكَفَرَ﴿٢٣

23Na mmom obi a, ͻbεdane n’akyi ama na wapo (nokorε) no,

فَيُعَذِّبُهُ ٱللَّهُ ٱلۡعَذَابَ ٱلۡأَكۡبَرَ﴿٢٤

24Nyankopͻn de asotwee kεseε no bεtwe n’aso

إِنَّ إِلَيۡنَآ إِيَابَهُمۡ﴿٢٥

25Nokorε sε Yεn hͻ na wͻbεsan aba;

ثُمَّ إِنَّ عَلَيۡنَا حِسَابَهُم﴿٢٦

26Nokorε bio nso sε wͻn akontabuo da Yεn so.

RELATED SURAHS