المطففين
The Defrauders • 36 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Due nka asisiefoͻ no,
2Wͻn a sε wͻrehyε (biribi te sε kookoo anaa aburoo anaa nkyene anaa εmoo) afri (obi hͻ a) wͻhyε ma εyε ma;
3Na sε wͻrehyε anaasε wͻresusu (ama obi a) wͻte so (bͻ saa nipa no nyansa korͻno).
4Enti saa nkorͻfoͻ no nnwen sε yεbɛnyane wͻn-
5Ama Ɛda kεseε bi?
6Ɛda a nnipa nyinaa bɛgyina Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn anim no?
7Daabi, Abͻnefoͻ no Nwoma wͻ ‘Sijjinn’ mu.
8Na εdeεn na εbεkyerε wo adeε a εyε ‘Sijjnn’ no?
9Ɛyε Nwoma a yɛatwerε (fa abͻneεfoͻ no nnwuma ho).
10Saa Da no, due nka wͻn a wͻfa (Nokorε no) sε atorͻsεm no,
11Wͻn a wͻfa Akatua da no atorᴐsԑm no,
12Na obiara nni hͻ a ᴐfa no atorᴐsԑm, gyesε mmaratoni, ͻbͻneεni.
13Sε yεrekenkan Yεn Nsεm no kyerε no a, deε ͻka ne sε: “Tetefoͻ no anansesεm”.
14Daabi, (Dwumadi bͻne a) wͻnsa aka no awe naakye wͻ wͻn akoma mu,
15Daabi, saa Da no yεde ntwaremu bɛtware wͻn ne wͻn Wura Nyankopͻn ntεm.
16Afei yεde wͻn bεkͻ Amanehunu gya no mu.
17Afei yεbεka sε: “Woi na mofaa no atorͻsεm no “.
18Aane, nokorε sε apapafoͻ no Nwoma wͻ ‘illiyyiin.
19Na εdeεn na εbεkyerε wo deε εyε ‘Illiyyuun’ no?
20Ɛyε (apapafoͻ no nnwuma a yɛatwerε) ho Nwoma,
21(Soro Abͻfoͻ) a wͻbεn (Nyankopͻn) no di ho adanseε.
22Nokorε sε, apapafoͻ no wͻ anigyeε mu-,
23Wͻ Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ).
24Wohunu anigyeε no nhyerεnee wͻ wͻn anim.
25Yεbεma wͻn nsa kronkron a yɛatua ano anom.
26N'awieɛ no yε ‘Misk’. Woi so na wͻn a, wͻresi akan (wɔ nnepa ho no) nsi akan.
27‘Tasniim’ na yεde bεfra (saa nsa no).
28(‘Tasniim no) yε Asutire bi a wͻn a wͻbεn (Nyankopͻn) no bεnom mu (nsuo).
29Nokorε sε na abͻneεfoͻ no sere wͻn a, wͻagye adie no.
30Sε wᴐretwa mu (wͻ agyidiefoͻ no) ho a, (boniayεfoͻ no) bͻ wͻn ani kyerε wͻn ho wͻn ho (de di agyidiefoͻ no ho fεw).
31Sε wͻsan kͻ wͻn nkorͻfoͻ no hͻ a, wͻsan kͻ no fεw die so.
32Sε wͻhu (agyidiefoͻ) no a, asεm a wͻka ne sε: “Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi ayera paa.”
33Nanso yεnsomaa wͻn sε wͻmεhwε (agyidiefoͻ no) so.
34Saa Da no deε, wͻn a wͻagye adie no bεsere wͻn a wͻannye annie no,
35(Wͻtete) Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ).
36Enti boniayεfoͻ no nyaa deε na wͻreyε no so akatua pεpεεpε?