عبس
He Frowned • 42 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1(Nkͻmhyεni) anim sesaae, na ͻdanee ne ho.
2Efirisε onifirani no baa ne hͻ,
3Na εdeεn na εbεkyerε wo sε ebia (saa onifirani no) bεyε kronkron,
4Anaasε ͻde afutuo no bεto n’adwene mu ama afutuo no ho aba no mfasoͻ?
5Obi a ͻhwε ne ho sε ͻsom bo no,
6Ɔno mmom na wotie no.
7Sε wannyε kronkron a, εho asεm nna wo so.
8Obi a wabͻ mmͻden aba wo hͻ,
9Na osuro (Nyankopͻn no)
10Ɔno mmom na wayi w’adwen afiri ne soͻ.
11Daabi, εyε Afutusεm,
12Enti obi a ͻpε no, ͻmfa ntu (ne ho) fo.
13Ɛwͻ Animuonyam Nwoma (a εwͻ Nyankopͻn hͻ) no mu.
14(Nwoma a) εkorͻn wͻ Animuonyam ne kronkron yε mu,
15Wͻ (Soro abͻfoͻ) Atwerεfoͻ nsam,
16(Atwerεfoͻ) Animuonyamfoͻ apapafoͻ no.
17Due nka onipa. Sεdeε ne boniayε si teε
18Ͻbͻͻ no fri adeε bεn mu?
19Ɔbͻͻ no fri ahobae mu, εna Osiesiee no,
20Afei Ɔyɛε ne kwan so dwoodwoo maa no.
21Afei na Wasan ama no awu na Wasie no wͻ adakamena mu.
22Na sε Ɔpε nso a na Wanyane no (afri owuo mu).
23Daabi, nanso (onipa) nyε deε (Nyankopͻn) ahyε ( no sε ͻnyε).
24Enti onipa nhwε n’aduane (ahyε ase),
25Yɛhwie nsuo no ma ebuso paa,
26Afei na Yɛama asaase no apaepae paa,
27Na Yɛama nnuaba afifi wͻ so,
28Ne bobe ne wira ne mfudeε ahodoͻ,
29Ne nku dua ne akyiresua dua;
30Ne Turo a yɛagye ho a nnua ateten ahyε mma,
31Ne nnuaba ne wira a mmoa weε.
32Ԑyԑ akᴐnhoma ma mo ne moayεmmoa.
33Na sε nteamu denden no ba a,
34Saa Da no onipa bɛdwane ne nua,
35Ne ͻmaame ne ne papa,
36Ne ne yere ne ne mma.
37Saa Da no, wͻn mu nipa biara ani bεbere wͻ asεm a εfa ͻno ara ne ho a, obi deε mmfa ne ho.
38Saa Da no, ebinom anim bεhyerεn,
39Asere wͻ anigyeε mu,
40Saa Da no, ebinom nso anim bεyε mfuturo,
41Esum bεkata wͻn so, na animguaseε bεka wͻn,
42Saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ nnipa bͻnefoͻ no.