النبأ
The Tidings • 40 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Ɛfa εdeεn ho na wͻrebisa wͻn ho wͻn ho no?
2Ɛfa Amanebͻ (anaasε Asεm) kεseε no ho asεm no anaa?
3Ɛno na wͻregye ho akyinnyeε no?
4Nokorε sε wͻbɛhunu.
5Nokorε bio sε wͻbɛhunu.
6Yεnfaa asaase nsεε hͻ ntrεε mu?
7Ɛna Yɛayε mmepͻ te sε epie de atintim soͻ?
8Ɛna Yɛabͻ mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε).
9Ɛna Yɛayε monna no ahomegyeε (berε paa)?
10Ɛna Yɛayε anadwo (sε) akatasoͻ (ama mo)?
11Ɛna Yɛayε adekyeε no (εberε a mode) hwehwε akͻnhoma?
12Ɛna Yɛasi ͻsoro nson a εyε den papaapa wͻ mo apampamu?
13Ɛna Yɛayε kanea a εhyerεn papaapa wͻ mu?
14Ɛna Yɛsane nsuo firi mununkum no mu ma no bu soͻ?
15Sεdeε Yεde bεma nnuaba ne mfudeε afifire,
16Na turo mu nneεma nso bεka abͻmu yuu.
17Nokorε sε Asɛnni Da no yε εberε a yɛahyε ato hͻ.
18Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu no, mobεba no akuo-akuo,
19Na ͻsoro bebue na ayε apono,
20Mmepͻ nso bɛtutu afiri hͻ na (asaase so) ayε sε kum-aforͻteε.
21Nokorε sε, Amanehunu gya no tε baabi retwεn.
22Ɛhͻ ne abͻneεfoͻ no nnkyi,
23Wͻbεtena mu mfe tenten.
24Wͻnya nwunu wͻ hͻ, na wͻnya anom deε biara nso nka nhwε,
25Gyesε nsuo hyeε a aben papaapa ne ekuro mu nsuo (na wͻbεnom).
26Akatua a εfata (wͻn) no no.
27Nokorε sε, na wͻnsusu(wͻn dwumadi bͻne no ho) akontabuo no,
28Wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm paa.
29Biribiara nso yɛatwerε ato hͻ wͻ Nwoma mu.
30Enti monka (mo dwumadi bͻne no so aba) nhwε, na Yεmfa hwee nka mo ho gyesε asotwee.
31Nokorε sε, nkonimdie wͻ Nyame-surofoͻ no,
32(Wͻbɛnya) Turo, ne bobe,
33Ɛne mmabaawa a wͻbͻ tipεn,
34Ne nkuruwa a yɛahyehyε no ma-ma.
35Wͻnte nsεm hunu anaa nkontomposεm biara wͻ hͻ,
36Akatua a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ, εyε akyεdeε a εsom bo.
37Ͻsoro ne Asaase ne deε εwͻ mfinfii no Wura, Ahummͻborͻ Hene no, obiara nni hᴐ a (ɔbɛnya akokoᴐduro) sε ͻne no bεkasa.
38Ɛda a Honhom no ne Soro abͻfoͻ no bεto santen no, obiara nkasa gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan, na ͻbεka asεm a εyε.
39Saa Da no yε nokorε, enti obi a ͻpε no, ͻnfa ne Wura Nyankopͻn hͻ nyε ne nkyi.
40Nokorε sε Yεrebͻ mo kͻkͻ fa asotwee a abεn no ho. Ɛda a onipa bɛhunu dwuma a ne nsa adi ato n’anim no, boniayεni no bεka sε: “Ɛkaa menkoa anka meyε mfuturo”.