المرسلات
Those Sent Forth • 50 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Mede mframa a, εrebͻ toatoasoͻ,
2Na εfa mframa a ano yε den.
3Ne (Soro abͻfoͻ a, wͻde nsumunaeε no) hwete kͻ meamea,
4Ne wͻn a wͻpaepae Nokorε ne nkontompo no mu,
5Ne Abͻfoͻ a, wͻde Adiyisεm no berε Akͻmhyεfoͻ no,
6De yε nyinasoͻ anaa kͻkͻbͻ no di nse sε:
7Nokorԑ deԑ yɛahyԑ ho bᴐ no bɛsi.
8Sε Nsoromma (nhyerεnee) pepa firi hͻ,
9Na sε ͻsoro sunsuan asin-asini,
10Na sε mmepͻ bubu gͻsͻͻ,
11Na sε εberε a yɛahyε ama Asomafoͻ no duru hͻ a,
12Yεde ahyε da bεn?
13Yεde ahyε Aseni Da (anaa nokorε ne nkontompo mpaapaamu Da no).
14Ԑdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Aseni Da no (huu) siteε?
15Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
16Yɛansεe adikanfoͻ no (a wͻannye annie) no?
17Saa ara na Yεbεma nkyirimma yi nso atoa wͻn soͻ.
18Saa ara na Yεdeyε abͻneεfoͻ no.
19Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
20Yɛammͻ mo amfiri nsuo a yɛbu no animtia mu?
21Ɛna Yεdehyεε bea bi a εhͻ dwoͻ (wͻ awodeε mu)?
22Kͻpem εberε bi a yɛahyehyε ato hͻ?
23Ɛna Yεtotoo no pεpεεpε. Hwε sεdeε yɛsi toto ntotoeε pa.
24Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
25Yεnyεε asaase no tenabea a εgye
26Ateasefoͻ ne awufoͻ?
27Ɛna Yεde mmepͻ atenten asisi soͻ, εna Yεma mo nsuo a εyε dε nom?
28Saa Da no due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
29(Saa Da no, yεbεka akyerε wͻn sε): “Monkͻ deε mobuu no atorͻsεm no mu,
30Monkͻ nwunu a, εwͻ nkorabata mmiεnsa no mu.
31Ɛnyε nwunu, na εnyε mfasoͻ biara nso (mma wͻn) wͻ gyaframa no ho.
32Nokorε sε, (saa gya no) turituri gyasrama a, εtesε abrosan,
33Te sε nyoma nsikaa-nsikaa’’.
34Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no .
35Saa Da no, wͻntumi nkasa,
36Na yεmma wͻn kwan na wͻapa kyεw.
37Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
38Mpaepae mu anaasε Aseni Da no nie, Yɛaboa mo ne tetefoͻ no nyinaa ano.
39Enti sε mowͻ pͻ bi bͻ a, εneε momͻ ntia Me.
40Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
41Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ nwunu mu, ne nsuo aniwa ho,
42Ne nnuaba ahodoͻ a wͻn kͻn dͻ.
43(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Dwuma (pa) a modiiε no ho nti no, monfa anigyeε nnidi na monom".
44Nokorε sε, saa ara na Yɛtua apapafoͻ no (dwumadi pa) no so ka.
45Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
46(Abͻneεfoͻ), monidi, na monye moani berε tiaa bi, nokorε sε, moyε abͻneεfoͻ.
47Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
48Sε yεkakyerε wͻn sε, momͻ momu ase (nsom Onyankopͻn) a, wͻmmͻ wͻn mu ase.
49Saa Da no, due nka wͻn a wɔfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.
50Enti (Qur’aan yi mu nsεm) akyi asεm bεn bio na wͻbεgye adie?