الإنسان
Man • 31 ayahs • Medinan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Nokorε sε εberε bi baa onipa so a, na ͻnyε biribi a yεbͻ din.
2Nokorε sε, Yεbͻͻ onipa firi (ͻbarima ne ͻbaa) ahobae a adi afra mu sε yεresͻ no ahwε, enti Yɛmaa no aso ne ani.
3Nokorԑ sε, Yakyerε no ͻkwan no;- Deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) ayε anaa deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) boniayε.
4Nokorε sε, Yɛasiesie dadeԑ nkͻnsͻnkͻnsͻn ne dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya ato hͻ ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
5Ampa sε, apapafoͻ no bεnom kuruwa bi mu a, (emu nsuo no) deε yεde afra ne ‘Kaafuur’ anaasε Kamfa.
6Ɛyε asutire bi a Nyankopͻn nkoa no bεnom mu (nsuo), na εbεtene abu so.
7(Saa apapafoͻ no ne wͻn a) wͻdi wͻn bͻhyε soͻ, san suro Ɛda no a, emu bͻne trε kͻ akyirikyiri no.
8Na wͻma ohiani ne awisiaa neɛ wakyiri no dedua aduane di, εnam Nyankopͻn ho dͻ nti.
9(Deε wͻka ne sε): Yε deε yεrema mo aduane adi de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam; yεnhwehwε akatua anaa aseda bi wͻ mo hͻ.
10Efirisε, yɛsuro muna ne ahokyerε Da kεseε a efiri yεn Wura Nyankopͻn hͻ no.
11Enti Onyankopͻn bɛyi wͻn afri saa Da no bͻne mu, ama wͻn ahyia anigyeε ne ahosεpε.
12Aboterε a wͻnyaaeε no ho nti, Ɔde Aheman ne serekye (anaa kyeme) ntoma bɛtua wͻn ka;
13Wͻbεgyegye ada mu wͻ Ahennwa so wͻ (Aheman no) mu; wͻnhunu awia (hyew) anaasε awͻ a ano yε den wͻ hͻ.
14(Aheman no mu nnua no) nwunu no bεbεn akata wͻn so, na emu nnuaba no nso bεbεn wͻn paa (ama ne teε ayε mmrε ama wͻn).
15Nkuruwa bi nso a εyε dwetε, ne senya nkuruwa bɛtwa wͻn ho ahyia,
16Senya nkruwaa a εhyerεn te sε dwetε. Yɛasusu no pεpεεpε (sεdeε wͻpε no).
17Yεbεma wͻn asan anom kuruwa bi a, (emu nsuo no) afradeε yε ‘Zanjabiil’ wͻ (Aheman no) mu.
18Asutire bi wͻ (Aheman no) mu, yεfrε no ‘Salsabiil’.
19Mmeranteε a wͻn mfeɛ no te sε deε εteε daa bɛdi wͻn ho akͻneaba (asom wͻn); sε wohu (saa mmeranteε) no a wobεka sε nhwene pa bi a yɛato apete.
20Na sε wohwε (Aheman no mu) a, εhͻ na wohunu anigyeε ne Ahennie kεseε.
21Wͻbɛfira serekye ntoma pa a εyε ahahan-mono, εna ago; na yεde dwetε nkapo asiesie wͻn. Na wͻn Wura Nyankopͻn bεma wͻn nsu kronkron anom.
22(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Nokorε, woi ne moakatua, mommͻden a mobͻeε no so aseda nie”.
23(Nkͻmhyεni), nokorε sε, Yεn na Yɛsiane Qur’aan no nkakrankakra maa woͻ,
24Enti nya aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na entie wͻn mu ɔbͻnefo anaasε boniayεni biara.
25Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin anͻpa ne anwumerε.
26Anadwo no mu bi nso fa w’anim butu fͻm fama no, na fa anadwo no mu berε tenten tontom no.
27Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi pε seesei (wiase asetena yi), na wͻbu wͻn ani gu Ɛda a emu (asεm) yε den (a εda wͻn anim) no so.
28Yεn na Yεbͻͻ wͻn, hyεε wͻn mpamuden; sε Yεpε a Yεbεsesa wͻn korakora de wͻn sεso (foforͻ) abεhyε wͻn anam mu.
29Nokorε sε, saa (Qur’aan yi) yε afutusεm (mamo), enti obi a ͻpε no ͻnfa ͻkwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.
30Ԑnyε sεdeε mopε, (na εbεyε hͻ) na mmom sεdeε Nyankopͻn pε. Nokorε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
31Ɔde obi a Ɔpε Wura N’ahummͻborͻ no mu; na abͻneεfoͻ no deε Wasiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ.