المزمل
The Enshrouded One • 20 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Wo a wode bomo anaa ntoma akata wo ho,
2Sͻre anadwo (bͻ mpaeε), na fa (εberε) kakraabi (da gye w'ahome).
3Fa anadwo no mu fa (bͻ mpaeε), anaasε te (εberε) no so kakra,
4Anaasε fa (εberε no) bi ka ho; na fa ntooboaseε kenkan Qur’aan no sεdeε ɛfata ma ԑho nte.
5Nokorε sε, Yεde asεm a, emu yε duro paa bεma wo.
6Nokorε sε, anadwo berε mpaebͻ (Tahajud) no emu yε du, etu awͻse, na εma asεm no nso kͻ (onipa no mu) anaasε εma no te asεm no ase yie.
7Nokorɛ, adekyeɛ no mu deɛ, mmerɛ tenten wɔ hɔ ma wo a wobɛtumi de adi wo dwuma.
8Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin, na fa wo ho ma no kora-kora-kora.
9Apueε ne Atͻeε Wura ne no, Awurade foforͻ biara nni hͻ ka ne ho, enti fa no yε wo Kyitaafoͻ.
10Na si aboterε wͻ deε wͻrekeka no ho, na fa kwan pa so twe wo ho firi wͻn ho.
11Na gyae Mene wͻn a, wͻfa no atorᴐsԑm no, wͻn a wͻanya wͻn ho no; na wodeε to wobo ase ma wͻn kakra.
12Nokorε sε, Yεn hͻ na dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya wͻ,
13Ɛne aduane a, ehia anaa etwi (onipa mene mu) ne asotwee a εyε ya paa (no nso wͻ).
14Ɛda no a asaase ne mmepͻ bεwoso nwoso kεseε no, mmepͻ no bεyε sε anwea a yaboa ano na εredwirie.
15Nokorε sε, Yɛasoma Ɔsomafoͻ aba mo nkyεn a ͻrebɛdi mo ho adanseε, sεdeε Yεsomaa Ɔsomafoͻ (Mose) kͻͻ Farao hͻ no,
16Nanso Farao yεε asoͻden tiaa Ɔsomafoͻ (Mose), enti Yεsͻͻ no mu nsͻdene.
17Sε moannye Ɛda a εbεma nkͻdaa afu dwono no anni a, sεn na mobɛsi abͻ mo ho ban (wͻ saa Da no a)-
18Ɔsoro bɛsunsuan asin-asin wͻ mu no? Nyankopͻn bͻhyε deε εyε hͻ.
19Nokorε sε, woi yε Afutusεm, enti obi a ͻpε no ͻnfa kwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.
20Wo Wura Nyankopͻn Nim yie sε, εkame ayε sε, wosͻre de anadwo no mu nkyεmu mmiεnsa mu mmienu bͻ mpaeε. Ɛtͻ dabi nso a, wokyε (anadwo no) mu mmienu; (εtͻ dabi nso a) woyi anadwo no nkyεmu mmiεnsa no mu baako (debͻ mpaeε), wͻn a wͻka wo ho no mu bi nso saa ara. Nyankopͻn na Osusu adesaeε ne adekyeε. Onim sε montumi nsese, enti Wahu mo mmͻbͻ. Enti monkenkan Qur’aan no mu deε εyε mmrε (ma mo). Onim yie sε ayarefoͻ wͻ mo mu, ebinom nso tu kwan wͻ asaase no so kͻ hwehwε Nyankopͻn adom, ebinom nso reko wͻ Nyankopͻn kwan so. Enti monkenkan (Qur’aan no) mu deε εyε mmrε; na monfrε Nyame wͻ ne brε mu, na monyi Zaka, na momͻ Nyankopͻn bosea a εyε bosea pa. Adepa biara a mobεyε ato moanim no, monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ; εno na εyε paa na εno nso ne akatua a εsom boͻ. Na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε; nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene