القمر
The Moon • 55 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Dͻnhwere no abεn, na bosome no mu apae.
2Na sε wͻhunu nsεnkyerεnee bi a wͻtwe wͻn ho (fri ho), na wͻka sε: ”Woi yε nkonyaa anaa naadaasεm a εbɛtwa mu“.
3Wͻfa no atorɔsɛm, na wͻdi wͻn apεdeε hunu akyi. Na asεm biara wͻ ne berε.
4Ampa sε (Qur’aan) de amanebͻ a afutuo ne adesua (ahodoͻ pii) wͻ mu abrε wͻn, -
5Adwen ne nimdeε a εkͻ aso mu (wͻ mu), nanso afutuo no ho amma wͻn mfasoͻ.
6Enti twe wo ho fri wͻn ho. Ɛda a Ɔfrεfoͻ (Israafiil) bεfrε (wͻn) akͻ asεm kεseε mu no,
7(Aniwuo bεma) wabrε wͻn ani ase; wͻbɛpue afiri adakamena no mu tesε mmεbε a wͻabͻ asanteε,
8Wͻde mmirika tεntε na εbεkͻ Ɔfrεfoͻ no hͻ. (Saa Da no) boniayεfoͻ no bεka sε: ”Saa Da yi yε Ɛda a emu yε den! “
9Noa nkorͻfoͻ dii wͻn anim kan buu Y’akoa no ᴐtorofo. Wͻkaa sε: “Bͻdamfoͻ.“ Wͻkasa tiaa no, hunahunaa no, poo no.
10Enti osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: (Awurade) “Wͻabu afa me so, enti boa (me)“.
11Enti Yɛbuee ͻsoro apono maa nsuo hwie guu pii,
12Yεmaa nsuwa-nsuwa nso puee wͻ asaase no so, na (ͻsoro ne asaase so) nsuo no hyia bͻͻ mu sεdeε yɛahyehyε ato hͻ no.
13Enti Yεsoaa no wͻ (nsuom hyεn a) yεde nnua ne nnadewa na ayε so.
14Na (nsuom hyεn no) nam (nsuo no so) a Y’ani hwε. (Saa nsuyire yi yε) akatua ma obia wannye annie.
15Ampa sε, Yɛagya de ayε nsεnkyerεnee. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?
16Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.
17Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde betu ne ho foͻ?
18Aad (Nkorͻfoͻ no) faa no atorᴐsԑm. Na sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε?
19Nokorε sε, Yεsomaa mframa denden bi a εbͻ toatoaso baa wͻn so wͻ da bͻne bi mu.
20Ɛtetee nnipa maa wͻyεε sε akyiresua dua bi a yɛatu aseε da hͻ.
21Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.
22Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?
23Samuudfoͻ no faa kͻkͻbͻ no atorᴐsԑm.
24Deε wͻkaeε ne sε: “Onipa baako pε a ͻwͻ yεn mu na yɛnni n’akyi? Nokorε sε, εneε na yεwͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu.
25Enti yεn (dodoͻ yi) mu no, ͻno nko ara na εsεsε yεde Afutusεm no ma no? Daabi, ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa)”.
26Ɔkyena wͻbɛhunu nea ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa) no.
27Nokorε sε Yεresoma yoma bedeε de ayε wͻn nsͻhwε. Enti wodeε hwε wͻn na si aboterε.
28Na ka kyerε wͻn sε, yɛakyε nsuo no mu ama (wͻn ne yoma no), obiara bεkͻ nsuo no mu wͻ ne berε (a yɛahyε ama no) mu.
29Nanso wͻfrεε wͻn yͻnko no na ͻfaa (sekan) de wͻͻ (yoma) no kum no.
30Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.
31Nokorε sε, Yεsomaa nteamu baako pε na εbaa wͻn soͻ, na wͻbεyεε gͻsͻͻ tesε mmabaa a awoͻ na abubu asin-asin a εwͻ mmoa adidieε.
32Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?
33Lut nkorͻfoͻ no anye kͻkͻbͻ no anni.
34Nokorε sε Yεsomaa aboͻ nsuo tͻ guu wͻn so, gyesε Lut abusuafoͻ nko ara (na asotwee no bi anka wͻn), Yεgyee wͻn wͻ anadwo a etwa toᴐ no mu.
35(Ɛyε) adom a ɛfiri Yεn hͻ. Saa ara na Yɛtua wͻn a wͻyi (Nyankopͻn) ayε no ka.
36Ampa sε (Lut) bͻͻ wͻn kͻkͻ wͻ Y’asotwee no ho, nanso wͻn adwen ansi wͻn pi wͻ kͻkͻ bͻ no ho.
37Ampa sε wͻpεε sε wͻhwim n’ahͻhoͻ firi ne nsam. Na Yɛfiraa wͻn ani (kaa sε): “Ɛneε monka M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ no nhwε “.
38Ampa sε, daa asotwee no sͻͻ wͻn mu ahomakye paa.
39Enti monka M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ no nhwε.
40Ampa sε Yɛayε Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?
41Ampa sε kͻkͻbͻ no baa Farao nkorͻfoͻ no hͻ.
42Wͻfaa Yε nsεnkyerεnee no nyinaa atorᴐsԑm. Enti Yεde Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε no Tumi no pari sͻͻ wͻn mu dendeenden.
43Enti mo (mu) boniayεfoͻ no kyεn woi nom (a yɛaseε wͻn no)? Anaasε modeε moanya (bͻhyε) wͻ Twerεsεm no mu sε yɛayi mu afiri (asotwee no) mu?
44Anaasε deε wͻka ne sε: ”Yεdeε yεyε dͻm (kεseε) enti yεbɛdi nkonim?
45Yεbεka wͻn dͻm no agu ama wͻadane wͻn akyi adwane.
46Aane, Dͻnhwere no ne εberε a yεde ahyε wͻn bͻ; na Dͻnhwere no ano yε den na (εyε berε nso) a emu (nsɛm) yε nyono.
47Nokorε sε, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu.
48Ɛda a yεbεtwe wͻn ase wͻ fͻm wͻ wͻn anim so akͻ egya no mu no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monka Ogya no atenka no nhwε “.
49Nokorε sε Yεde nhyehyεeε na abͻ biribiara.
50Na Y’ahyεdeε no deε εyε baako pε, εtesε wabͻ w’ani prε.
51Ampa sε Yɛasεe (amanfoͻ bi) a na wͻte sε mo. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?
52Dwuma a wͻdie biara no nso yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu.
53Biribiara, ketewa ne kεseε nyinaa yɛatwerε.
54Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ Aheman mu ne nsubͻnten ho,
55Wͻ Nokorε Ahennwa no ho wͻ Ɔhene Tumfoͻ no a, Ɔtumi adeε nyinaa yε no hͻ.