النجم
The Star • 62 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Mede εberε a nsoromma rekͻtͻ no di nse sε:
2Mo yͻnko (Muhammad) nyerae, na ͻmmane (mfirii ͻkwan tenenee no so) nso.
3Na ͻmfa ͻno ara ne pε nkasa.
4Na mmom εyε Adiyisεm a yεreyi (ma no).
5(Ɔbͻfoͻ) hoͻdenfoͻ paa (Gabriel) na ͻkyerεε no.
6Ɔyε obia ͻwͻ ahoͻden wͻ adwen mu, na afei osi pi wͻ gyinaberε mu.
7Ԑberε a (Gabriel) wͻ sorosoro paa no,
8Afei ͻbεnee, na opinkyεε (Nkͻmhyεni) paa;
9Na ͻwͻ bεyε sε tadua mmienu ntεm anaasε εbεn kyεn saa.
10Enti Nyankopͻn yii deε Ɔbɛyie de!maa N’akoa (Muhammad).
11(Nkͻmhyεni) akoma nni atorͻ wͻ deε ohunuiε no ho.
12Anaasε moregye no akyinnye wͻ deε ohunuiε no ho?
13Ampa sε, (Nkͻmhyεni) hunuu (Gabriel) sε ͻresiane deε εtͻso mmienu –
14Wͻ dua Sidratul-Muntahaa no ho –
15Ɛho hͻ na Daa asetena Soro aheman no wͻ, --
16Ɛberε a deε εkataa Sidratu dua no soͻ no kataa soͻ no.
17(Nkͻmhyεni) ani annane (ankͻ benkum anaa nifa), na ankͻ nso antra so.
18Na ampa sε, ohunuu ne Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee akεseε no mu bi.
19Moahunu (Arabfoͻ no abosom) Laata ne Uzza –
20Ne Manaat, baako no a ͻtͻso mmiεnsa no?
21Mmarima no wͻ mo εna mmaa no nso wͻ Ɔno (Nyankopͻn)?
22Ɛno yε adekyε a εmfa kwan soͻ.
23Woi nom nyinaa yε din a mone moagya nom na atotoͻ a Nyankopͻn Nsianee ho tumi anaa nyinasoͻ biara. Sεdeε wͻn adwen yε wͻn, ne wͻn kraa apεdeε na wͻdi akyire; ampa nso sε (yε de) kwankyerε no firi wͻn Wura Nyankopͻn hͻ abrε wͻn.
24Anaasε onipa nsa ka deε ͻpε?
25Nyankopͻn na Daakye (asetena) no ne seesei deε yi nyinaa wͻ no.
26Soro abͻfoͻ no pii na εwͻ soro a wͻn ntwitwagyeε nsi hwee, gyesε akyire yi a Nyankopͻn ama obi a Ɔpε na Ɔgye no tumu no kwan.
27Nokorε sε wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no na wͻde mmaa din to soro abͻfoͻ no.
28Wɔnni ho nimdeε. Deε wᴐn adwen kyerε wᴐn na wͻdi akyire, na deԑ wᴐn adwen kyerε wᴐn no ntumi ne nokorε nyina wͻ hwe ho.
29Enti twe wo ho firi obi a ͻdane ne ho fri Y’afutusεm no ho no ho, na ͻno deε wiase asetena yi na ͻpε no,
30(Wͻn a wiase ho) na wͻn nimdeε kͻpem no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn Nim nea wayera afri Ne kwan no soͻ, εna Ɔnim nea ͻnam kwan tenenee no nso soͻ.
31Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn; sεdeε Ɔbɛtua dwuma a wͻn a wͻdi bͻne no diiε no so ka, na Ɔde papa nso atua wͻn a wͻyε ayεmyε no nso ka.
32Wͻn a wͻtwe wͻn ho fri bͻne akεseε ne akohwi bra ho, gyesε mfomsoͻ nketenkete no, nokorε sε Nyankopͻn bͻnefakyε no so paa. Ɔnim mo wͻ εberε a Ɔbͻͻ mo firii asaase mu, ne εberε a na moyε mogya toa da mo maame nom awodeε mu. Enti εmma mo ara monnhoahoa mo ho sε moyε kronkron. Nyankopͻn na Ɔnim obi a osuro Nyankopͻn.
33Wahunu obi a ͻdane ne ho fri (Islam) ho no?
34Na ͻde ketewaabi maeε na ogyaee fama?
35Enti ͻwͻ kokoa mu nimdeε a enti ohunu (deε εbεba)?
36Anaasε yɛabͻ no deε na εwͻ Mose Nwoma no mu no ho amaneε?
37Ne Abraham a odii (ahyεdeε) soͻ no?
38Obia ͻso adesoa nsoa obi foforͻ adesoa.
39Nokorε sε onipa nni (akatua) bi, na mmom gyesε mmͻden a ͻbͻeε ho (akatua na ɔbwnya).
40Na εnkyε biara yεbɛhunu ne mmͻdemmͻ
41Afei yεbɛtua no akatua a εyε pεpεεpε.
42Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn hͻ na awieε no wͻ.
43Nokorε sε Ɔno na Ɔma (onipa) sereε εna Ɔma (onipa) suu.
44Ɔno na Ɔma (obi) wuo εna Ɔma (obi) nkwa.
45Ɔno na Ɔbͻͻ adeε mmienu mmienu, ͻbarima ne ͻbaa-,
46Fri ahobaeε mu wͻ εberε a εbεpue aba.
47Ɔno na Daakye Wusͻreε no (ho asεm) da Ne soͻ.
48Ɔno na Ɔma ahonya εna Ɔma ohia.
49Ɔne (nsoromma Shi’ira) Kyεkyε (a Arabfoͻ abosomsomfoͻ no som no no) Wura.
50Ɔno na Ɔsεee Aad, tetefoͻ no,
51Samuudfoͻ no nso Wamma wͻn mu biara anka.
52Ɛna Noa nkorͻfoͻ no a wͻdii (Aadfoͻ ne Samuudfoͻ no) anim kan no, na wͻyε nnebͻneεfoͻ, atuatefoͻ.
53Ne nkuro a abͻ no (Sodom ne Gomora), Ɔno ara na Ɔsεee no.
54Deε eyiri faa wͻn no yiri faa wͻn.
55Enti (ͻdasani), wo Wura Nyankopͻn adom no mu deε εwͻ hen na w’adwen nsi wo pi wͻ ho?
56(Nkͻmhyεni) woi yε kͻkͻbͻni tesε tetefoͻ no kͻkͻbͻfoͻ no ara pεpεεpε.
57Ɛberε no bεn ara na (eguso) rebεn.
58Obiara nni hͻ a ɔbɛtumi afrii Nyankopͻn akyi asi ho kwan.
59Enti saa asεm woi na εyε mo nwanwa?
60Ɛna moresereε, εna monnsuu,
61Ɛna mode agorͻ resεe mo berε kwa, εna monnwene ho?
62Enti monfa mo anim mutu fͻm ma Nyankopͻn na monsom (no).