Az-Zalzalah

الزلزلة

The Earthquake8 ayahsMedinan

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

إِذَا زُلۡزِلَتِ ٱلۡأَرۡضُ زِلۡزَالَهَا﴿١

1Sε asaase woso ne nwosoeε no a,

وَأَخۡرَجَتِ ٱلۡأَرۡضُ أَثۡقَالَهَا﴿٢

2Na asaase yi n’adesoa no firi adi a,

وَقَالَ ٱلۡإِنسَٰنُ مَا لَهَا﴿٣

3Na onipa ka sε: “Ɛdeεn na aba asaase soͻ a?”

يَوۡمَئِذٖ تُحَدِّثُ أَخۡبَارَهَا﴿٤

4Saa Da no asaase bεbͻ n’amaneε.

بِأَنَّ رَبَّكَ أَوۡحَىٰ لَهَا﴿٥

5Efiri sε, wo Wura Nyankopͻn na ayi no adi na Wahyɛ noɔ,

يَوۡمَئِذٖ يَصۡدُرُ ٱلنَّاسُ أَشۡتَاتٗا لِّيُرَوۡاْ أَعۡمَٰلَهُمۡ﴿٦

6Saa Da no nnipa bepue akuoakuo sononkosononko akͻhwε wͻn nwuma.

فَمَن يَعۡمَلۡ مِثۡقَالَ ذَرَّةٍ خَيۡرٗا يَرَهُۥ﴿٧

7Obi a ɔbɛdi dwuma pa bi a emu duro ketekete te sε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (saa nipa no) bɛhunu (n'adeε).

وَمَن يَعۡمَلۡ مِثۡقَالَ ذَرَّةٖ شَرّٗا يَرَهُۥ﴿٨

8(Saa ara) nso na obi a, ɔbɛdi dwuma bͻne bi a emu duro ketekete te sε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (ͻno nso) bɛhunu (n'adeε).

RELATED SURAHS