الحاقة
The Inevitable • 52 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Nokorε paa no.
2Ɛdeεn ne Nokorε paa no?
3Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Nokorε paa no si teε:
4Samuudfoͻ ne Aadfoͻ faa Mobͻmuu, Dede ne Gyegyeegye Da no sԑ atorᴐsԑm.
5Enti Samuudfoͻ no, yεde Nteamu denden bi a εborosoͻ na εsεee wͻn.
6Aadfoͻ no nso yεde mframa bͻne huhuuhu bi a εpͻ soͻ na εsεee wͻn.
7(Mframa no) toaa so bͻͻ wͻn anadwo (nna) nson ne adekyeε (nna) nwͻtwe, na εhͻ na wohunu nkorͻfoͻ no sε wͻdeda hͻ te sε akyiresua dua (anaasε bεtene) a tokuro da mu hoo.
8Enti wahunu wͻn mu bi nea ͻkaaeε ?
9Ɛna Farao ne wͻn a wͻdii n’anim kan no, ne nkuro bi a yεdanee wͻn butuuε no nso de bͻne baae,
10Wͻyεε wͻn Wura Nyankopͻn Asomafoͻ no asεm ho asoͻden, enti Ͻde asotwee a emu yε den twee wͻn aso.
11Nokorε sε, εberε a nsuo no yiriiε (wͻ Noa pεn soͻ) no, Yεde motenaa nsuo mu hyεn mu,
12Sεdeε Yεde bεyε afutusεm ama mo, na obi a ͻwͻ aso de bεto ne tri mu.
13Sε yεbͻ Totorobεnto no mu bͻ prεko a,
14Na yεpagya asaase ne mmepͻ, na εyam yam prεko a,
15Saa Da no na εberε no aso.
16Ɔsoro mu bɛsunsuan wͻ saa Da no ama no ayε mmrε, (n’ahoͻden no bεsa).
17Na Soro abͻfoͻ bɛgyina-gyina ne ntweaso, na (Soro abͻfoͻ) nwͻtwe na wͻbεsoa wo Wura Nyankopͻn Ahennwa no wͻ wͻn apampamu saa da no.
18Saa Da no, yεde mobεba (mo Wura Nyankopͻn anim), na momu biara asumasεm nsuma.
19Enti obi a, yεde (ne dwumadie ho) Nwoma bεma no wͻ ne nsa nifa mu no, (ͻde anigyeε) bεka sε: “Momra mεgye me Nwoma no nkenkan bi.
20Na menim yie sε, mehyia m’akontabuo.
21Enti ɔbɛnya ahotͻ asetena--
22Wͻ Aheman a εkorͻn no mu.
23Emu nnuaba no bεn (wͻn).
24(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Monfa anigyeε nnidi na monom, εnam deε moyε de too moanim wͻ nna a atwa mu no mu no nti,
25Na mmom obi a yεde ne Nwoma bεma no wͻ ne nsa benkum mu no, ͻbεka sε: Ɛkaa menko a, anka yɛanfa me Nwoma no amma me koraa.
26Mennim sεdeε m’akontabuo bɛsi ayε.
27Kaa menko na anka (mawu) ama asεm asa.
28M'ahonyadeε ho amma me mfasoͻ.
29Me tumii afri me nsa.
30(Yεbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): ”Monsͻ ne mu, na mongu no mpokyerε.
31Afei monfa no nwura Amanehunu gya no mu,
32Afei monfa nkͻnsͻnkͻnsͻn a ne tenten yε basamu aduͻson no nkyekyere no.
33Nokorε sε, na ͻnnye Nyankopͻn Kεseε no nni.
34Na ͻnhyε ma wͻnnidi mma ahiafoͻ no bi.
35Enti Ɛnnε deε onni ͻdͻfo biara wͻ ha,
36Onni aduane nso (a ɔbɛdie), gyesε akuro mu nsuo (ne efii),
37Obiara nni hͻ a ɔbɛdie gyesε abͻnefoͻ no.
38Mede adeε a moani hunu,
39Ne adeε a moani nhunu di nse sε:
40Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔsomafoͻ Nimuonyamfoͻ (Gebriel) no asεm,
41Na εnyε ͻdwomtoni asεm. Mo gyidie a εwͻ mu no sua.
42Na εnyε ntafowayifoͻ nso kasaa, - εho adwen a modwen no sua.
43(Qur’aan) yε Adiyisεm a efiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.
44Sε anka (Nkͻmhyεni) abͻ ne trim aka atorͻsεm bi ato Yεn so a,
45Anka Yɛasͻ ne mu wͻ ne nsa nifa,
46Na Yɛatwa n’akoma nkomena mu afri ne ho,
47Na mo mu biara nnihͻ a, anka ɔbɛtumi asi Yεn ne ho kwan.
48Nokorε sε (Qur’aan) yε Afutusεm ma Nyame-surofoͻ no.
49Na nokorε sε, Yɛnim yie sε, mo mu binom wͻ hͻ a wͻnnye nnie.
50Nokorɛ sɛ (Qur’aan) yε akomasεeε ma boniayεfoͻ no.
51Ampa nso sε, εno ne Nokorε pefee no.
52Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin.