الواقعة
The Event • 96 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Sε Asεm (kεseε a εrebesie) no nya si a,
2Nkontompo biara nni si a ebesie no ho.
3(Saa Da no), yεbεbrε (nnipa no) bi ase, ama (ebinom nso) so.
4Sε asaase woso nwosoeε (denden) no,
5Na yɛbubu mmepͻ gͻsͻgͻsͻ –
6Na εyε sε mfuturo a εretu hwete a,
7(Saa Da no) mobεyε akuo ahodoͻ mmiεnsa.
8Wͻn a wͻyε Nifa so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻyε Nifa so foͻ no ?
9Ɛne wͻn a wͻyε Benkum so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻyε benkum so foͻ no?
10Ɛne (gyidie ho nwuma mu) adikanfoͻ no; wͻn ne (daakye no mu) adikanfoͻ.
11Woinom na wͻbεbεn (Nyankopͻn),
12Wͻ Anigyeε Aheman no mu.
13Dodoͻ no bɛfiri tetefoͻ no mu,
14Ԑna kakraabi nso bɛfiri nkyirimma no mu.
15Wͻbεtena ahennwa a yεde sika kͻkͻͻ ne dwetε na anwene so.
16Wͻbεgyegye ada mu ahwε wͻn ho wͻn ho anim.
17Mmeranteε a wͻte nkwa mu daa na wͻnnwu da bɛdi wͻn hͻ akͻneaba (asom wͻn),
18Wͻde nkoraa ne sanya nkuruwaa ne kyansee a nsa korͻgyee wͻ mu.
19Wͻn ti mmpae wͻn, na wͻmmoro nso,
20Ne nnuaba biara a wͻn ara bεhwε mu ayi deε wͻpε.
21Ne nnomaa nnam biara a wͻn kͻn dͻ.
22Ne (mmaa) akronkron ahoͻfεfoͻ a wͻn ani akεse-akεse,
23(Wͻn ho fε) tesε nhwene pa bi a yɛahyε da de asie abͻ ho ban.
24(Woi) yε akatua ma dwuma (pa) a wͻdiiε no.
25Wͻnte nsεm hunu anaa kasa bͻne biara wͻ hͻ.
26Gyesε ‘Salaaman Salaaman’ Asomdweε! Asomdweε!
27Ɛna Nifasofoͻ no; hwan nom ne Nifaso foͻ no?
28(Wͻn wͻ) nnua bi a εho yε trͻmtrͻm a nkasεε nni ho bi mu,
29Ne nkwadu a abͻ esa-esa,
30Ne nwunu a εbae trε mu,
31Ne nsuo a εtene ba (abrε biara),
32Ne nnuaba a abu soͻ,
33(Nnuaba no berε) to ntwa, na yɛnsi wͻn ho kwan nso.
34(Wͻn) wͻ aban soroͻ a εwͻ soro so.
35Nokorε sε Yɛabͻ wͻn (mmeͻε foforͻ) paa,
36Ɛna Yɛama wͻn ayε mmabunu,
37Ɔdͻ ne ahomeka (wͻ wͻn mu); na wͻn (nyinaa) bͻ atipεn.
38(Woi) wͻ Nifasofoͻ no.
39Dodoͻ no bɛfiri tetefoͻ no mu,
40Na dodoͻ no nso afiri nkyirimma yi mu.
41Ɛna Benkum so foͻ no; hwan nom ne Benkum so foͻ no?
42(Wͻn) wͻ mframa hyew ne nsuo hyeε mu,
43Ne wisie tumm nwunu mu,
44(Saa wisie no) nyε nwunu na (wͻnnya emu) anigyeε anaa papa biara.
45Nokorε sε, kane no na wͻgye wͻn ani,
46Na wͻtͻ kͻ bͻne akεseε so.
47Na wͻka sε: “Sε yɛwu na yεyε mfuturo ne nnompe a, nokorε sε yεbεsan anyane yεn?
48Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no (nso)?
49(Nkͻmhyεni), ka sε: “Tetefoͻ no ne nkyirimma no (nyinaa),
50Nokorε sε yεbεboa wͻn ano akͻ εberε a yɛahyε no wͻ saa Da no mu no“.
51Afei mo ayerafoͻ no a mofaa (nokorε no) nkontompo no,
52Mobɛdidi afiri dua Zaqqum so,
53Na mode ahyε (mo) afru ma,
54Na moanom nsuo hyeε agu so;
55Na (mo) bεnom no sεdeε yoma a sukͻm de no renom nsuo.
56Woi na εbεyε wͻn brεsuo a yεde bεma wͻn akwaaba wͻ (daakye) akatua Da no.
57Yεn na Yεbͻͻ mo na afei adεn nti na monye nnie?
58Moahunu (ahobaeε) a mohwie gu (ͻbaa awodeε mu) no?
59Mo na mobͻ (akͻdaa no) anaasε Yε ne Ɔbͻͻ Adeε no?
60Yεn na Yɛahyehyε owuo de ato mo soͻ; na entumi mmu mfa Yεn so-
61-Sε Yεbεsesa mo tebea yi abͻ mo akͻ (tebea foforͻ) a mo nnim mu.
62Ampa sε, monim mmͻeε a edi kan no; afei adεn na monfa nkͻ adwen-dwene mu?
63Moahunu (nneεma) a modua no?
64Mo na moma no fifiri na enyin, anaasε Yεn na Yεma no fifiri na enyin?
65Sε Yεpε a anka Yεbεma no ayam (anaasε Yεbεma no asεe) ama mo atwa adwo-
66(Ama moasu sε): “Nokorε yɛabͻ ka.”
67Aane, yɛahwere (y’agyapadeε).
68Moahunu nsuo a monom no?
69Mo na mosiane firi mununkum no mu ba, anaasε Yεn na Yɛsiane ba?
70Sε Yεpε a anka Yεbεma no ayε nkyene-nkyene. Adεn na afei monna (Nyankopͻn) aseε?
71Moahunu egya a mosͻ no?
72Mona mobͻ ne nnua no anaasε Yεn na Yεbͻeε?
73Yɛayε egya no nkaeε (a mode bεkae Amanehunu gya no), εsan nso wͻ mfasoͻ de ma onipa biara a ohia gya, ne εserε so akwantufoͻ no.
74Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin.
75Mede faako a nsoromma kͻtͻ di nse!
76Nokorε sε, εyε nsedie a εso paa sε anka monim a.
77Nokorε sε, εyε Qur’aan animuonyam (Nwoma) noa,
78Ɛwͻ Nwoma a yεabͻ ho ban no mu.
79Abᴐfoᴐ ahoteefoᴐ no na wᴐsᴐ mu.
80(Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.
81Enti saa Asεm yi na mobu no animtia?
82Ɛna moayε po a mopo (Qur’aan no sε εnam so) na monya mo akͻnhoma?
83Afei adεn na sε (obi a ͻrewuo nkwa no) duru ne mene mu a (monsi nkwa no kwan)?
84Na saa berε no na morehwε.
85(Saa berε no) Yεbεn no kyεn mo, nanso monhunu.
86Sε anka monhyε tumi bi ase a mobɛbu akonta a,
87Adεn na momma (nkwa) no nsan n’akyi (nkͻ onipa no mu bio) sε moyε nokwafoͻ ampa a?
88Enti sε (saa nipa no) ka wͻn a wͻbεn (Nyankopͻn) no ho a,
89(Ɔbɛnya) ahomegyeε, ne akͻnhoma ne Anigyeε Aheman no.
90Na sε ͻka Nifasofoͻ no nso ho a,
91Ɛneε asomdwoeε nka wo, Nifasofoͻ no.
92Na mmom sε ͻka wͻn a wͻpo nokorԑ, ayerafoͻ no ho nso a,
93Ɛneε nsuo-hyeε na yεde bεma no brεsuo,
94Na yɛakͻhye no wͻ Amanehunu gya no mu.
95Nokorε sε, ampa woi ne Nokorε pefee no.
96Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin tontom no.