الأحزاب
The Combined Forces • 73 ayahs • Medinan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Nkͻmhyεni, Suro Nyankopͻn, na entie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
2Di deε yɛayi ama woͻ a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a modie (nyinaa) ho amane bᴐfoᴐ.
3Na fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
4Nyankopͻn nyεε akoma mmienu nhyεε onipa biara koko mu, na Ɔnyεε moyere-nom a mode “Iz’haar” gyae wͻn awadeε no sε mo maame, na Ɔnyεε wͻn a (wͻte monkyεn a) mofrε wͻn momma no sε momma (paa). Woi yε moara mo ano asεm, Onyankopͻn na Ɔka nokorε na Ɔno na Ɔkyerε kwan.
5Monfa wͻn papanom (din) mfrε wͻn, εno na εyε paa wͻ Nyankopͻn anim; sε monnim wͻn papanom a, εneε wͻyε mo nuanom ne (mo) ayͻnkofoͻ wͻ Nyamesom mu. Bͻne (biara) nni mo so wͻ mfomsoͻ a moayε ho, na mmom (bͻne wͻ mo so wͻ) deε mo akoma boapa ayε. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.
6Nkͻmhyεni bεn agyidiefoͻ no paa kyεn wͻn ho wͻn ho, na ne yerenom yε (agyidiefoͻ no) maame. Na abusua-bogya bεn wͻn ho wͻn ho wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu kyεn agyidiefoͻ no ne atukͻfoͻ no, gyesε (ebia) moreyε ayεmyε bi ama mo ayͻnkofoͻ no. Saa na yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu.
7Kae εberε a Yεgyee apam firi Nkͻmhyεfoͻ no hͻ, εne wo (Muhammad) hͻ, ne Noa ne Abraham ne Mose εna Yesu Mar’yam ba no hͻ; Yεgyee apam a emu yε duro paa na efirii wͻn hͻ.
8Sεdeε (Nyankopͻn) bɛbisa nokwafoͻ no wͻn nokorεdie ho asεm. Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato boniayεfoͻ no hͻ.
9Mo a moagye adie, monkae Onyankopᴐn adom a ԑwᴐ mosoᴐ, ԑberԑ a asraafoᴐ dᴐm baa mo soᴐ na Yԑsomaa mframa ne asraafoᴐ a mo ani anhu wᴐn baa wᴐn soᴐ. Onyankopᴐn deԑ Ohu dwuma a modie biara.
10Ɛberε a (atamfoͻ) no baa mo so firi mo soro ne mo ase, na ani yεε kusuu na akoma pagya baa menewa mu, na modwenee adwen (bᴐne) wͻ Nyankopͻn ho.
11Ɛhͻ no Yεsͻͻ agyidiefoͻ no hwεe, na wͻn ho wosoo papaapa.
12Na kae εberε no a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Bᴐ a Nyankopͻn ne ne Somafoͻ hyεԑ yεn no yԑ nnaadaa bi kwa“.
13Kae εberε nso a wͻn mu fekuo bi kaa sε: “Yasribfoͻ, monni gyinaberε biara, enti monsan mo akyi“. Wͻn mu fa bi srεε kwan wͻ Nkͻmhyεni hͻ, wͻkaa sε: Y’afiee deda mpan, na εnyε nokorε sε εdeda mpan, na mmom dwane na wͻrepε adwane.
14Sε (atamfoͻ no) nyaa emu akwan bi wuraa (Madina kuro no mu) maa wͻbɛpuee (nkͻnkͻnsafoͻ no) so, εna wͻreka akyerε wͻn sε wͻnyε basabasa (anaasε wͻnko ntia Muslimifoͻ no) a, anka wͻbεyε a wͻnkyεre ho koraa.
15Nokorε nso sε na wͻne Nyankopͻn adikan ahyε bͻ sε wͻnnane wͻn akyi mma (agyidiefoͻ no da). Apam a εwͻ Nyankopͻn hͻ deε, nokorε sε εwͻ ho ano yie.
16(Nkͻmhyεni), ka kyerε (nkͻnkͻnsafoͻ no a wͻresrε kwan no) sε: “Sε owuo anaa okum ho nti na moredwane no a, εneε dwane no ho mma mfasoͻ mma mo, εyε εberε tiaa bi na mode bεgye mo ani (wͻ wiase ha) “
17Ka sε : “Sε Nyankopͻn pε mo bͻne bi, anaasε Ɔpε mo ahummͻborͻ bi a, hwan na ͻbεbͻ mo ho ban afiri ne nsam? Nyankopͻn akyiri no wͻnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ mma wͻn.
18Nokorε sε Nyankopͻn nim wͻn a wͻn wͻ mo mu no a wͻsi amanfoͻ kwan (na wͻmma wͻn mma ͻko no), ne wͻn a wͻka kyerε wͻn nuanom sε: ”Mommra yεn hͻ;” na (wͻn ara mpo mma ͻkoo gyesε (wͻn mu nnipa) kakraabi.
19Wͻnnfa mo ho (anaasε wͻmmoa mo wͻ kwan biara so). Nanso sε ehu bi ba a wobεhunu sε wͻrehwε woͻ a wͻn ani retwa kuru-kuru tesε obia owuo refa no. Sε ehu no te kͻ a wͻde kεterεma naanam anaa kԑtrԑma dԑ twa wo de hwehwε papa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻnnye nie no, enti Nyankopͻn ama wͻn nwuma no ayε kwa, εno yε adeε a εyε mmerε wͻ Nyankopͻn hͻ.
20(Nkͻnkͻnsafoͻ no) adwen yε wͻn sε (Ah’zaab) nkorͻfo kuo no nnya nkͻe, na sε nkorͻfo kuo no reba (bio) a, anka wͻbεpε sε wͻbεka εserε so Arabfoͻ no ho (ne wͻn awͻ εserε no so) na wͻn abisa mo ho asεm (atie). Sε wͻka mo ho mpo a, anka wͻnko gyesε kakraa bi.
21Ampa sε nhwεso pa wͻ Ɔsomafoͻ (Muhammad) suban mu ma mo, de ma obia n’ani da Nyankopͻn so ne Daakye no nso soɔ, na ͻkae Nyankopͻn pii.
22Ɛberε a agyidiefoͻ no hunuu nkorͻfo kuo no, wͻkaa sε: “Woi na Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no hyεε yεn ho bͻ no, Nyankopͻn ne ne Somafoͻ asεm yε nokorε. Deε wͻnya kaa ho ne gyidie ne ahobraseε.
23Nnipa no bi wͻ agyidiefoͻ no mu a wͻdi nokorε wͻ apam a wͻ ne Nyankopͻn apam no ho. Ebinom nso wͻ hͻ a wͻadi wͻn bͻhyε no so (awu sε mogya ho adansefoͻ), na ebi nom nso wͻ hͻ a wͻretwεn, na wͻnsesaa (wͻn adwen wͻ bͻhyε) no ho koraa.
24Sεdeε Nyankopͻn bɛtua nokorεfoͻ no nokorεdie no so ka, na sε Ɔpε a Watwe nkͻnkͻnsafoͻ no aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene.
25Boniayεfoͻ no abufuhyeε no mu no, Nyankopͻn atwe wͻn asan akyire; wͻannya mfasoͻ biara wͻ so. Nyankopͻn som bo ma agyidiefoͻ no wͻ ͻkoo mu. Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
26Nyamesom ho Nwomanimfoͻ a wͻboaa (atamfoͻ) no, Nyankopͻn sianee wͻn firii wͻn aban denden no so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu; mokum ebinom na mofaa ebinom nso nnomum.
27(Nyankopͻn) maa motenaa wͻn anan mu wͻ wͻn nsaase so, ne wͻn afie mu, ne wͻn agyapadeε ne nsaase a mo nan nsii so da so. Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
28Nkͻmhyεni, ka kyerε w'ayerenom sε: “Sε mopε wiase asetena ne emu afεεfεdeε a, εneε mommra na mensum mo, na mama moakͻ no wͻ kwanpa so.
29Na mmom sε mopε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ne Daakye asetena (pa) no nso a, εneε Nyankopͻn asiesie akatua a εsom bo paa ama mo mu apapafoͻ no”.
30Nkͻmhyεni ayerenom, mo mu nea ͻbɛyi suban bͻne bi adie no, yεde asotwee no bεbͻ ho mmmienu ama no. Ԑno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.
31Mo mu nea ͻbεbrε ne ho ase ama Nyankopͻn ne Ne somafoͻ na wayε papa no, Yεbεma no akatua mmͻho mmienu, na Yɛasiesie animuonyam akyεdeε bi nso ama no.
32Nkͻmhyεni yerenom, montesε mmaa a aka no. Sε mosuro Nyankopͻn a, monhwε na (sε mone ͻbarima bi rekasa a) moammrε mone ase; anhwε a na obi a yadeε wͻ n’akoma mu no anya mo ho dͻ, na monka kasa a εyε kasa pa.
33Na montena mo afie mu, na monhwε na moanna mo ho afԑԑfԑdeԑ adi ankyerԑ, sεdeε na tete abagyimi berε mmaa no (yε no); na monfrε Nyame wͻ ne berε mu na monyi Zaka, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no. Deε Nyankopͻn pε ne sε, efie ha foͻ, Obeyi efii afiri mo so na Wate mo ho korͻgyee.
34Na monkaekae deε yεkenkan (kyerε mo) wͻ mo fie hͻ no a efri Nyankopͻn Nsεm no mu no, ne Nyansasεm no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onitefoͻ (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho Amane bͻfoͻ.
35Nokorε sε, Muslimifoͻ mmarima ne Muslimifoͻ mmaa, ne Agyidiefoͻ mmarima ne Agyidiefoͻ mmaa, ne Ahobraseεfoͻ mmarima ne Ahobraseεfoͻ mmaa, ne Nokorεfoͻ mmarima ne Nokorεfoͻ mmaa, ne Aboterεfoͻ mmarima ne Aboterεfoͻ mmaa, ne Nyame-surofoͻ mmarima ne Nyamesurofoͻ mmaa, ne Adͻeεfoͻ mmarima ne Adͻeεfoͻ mmaa, ne Akyiriwiafoͻ mmarima ne Akyiriwiafoͻ mmaa, ne mmarima a wͻhwε wͻn ho so yie ne mmaa a wͻhwε wͻn ho so yie (na wͻmmͻ adwaman), ne mmarima a wͻbͻ Nyame abodin kεse ne mmaa a wͻbͻ Nyame abodin, Nyankopͻn asiesie bͻnefakyε ne akatua kεseε ama wͻn (wͻ Daakye Atemmuda).
36Ɛnfata mma gyidini barima anaasε gyidini baa bi sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ bεyε nhyehyεeε bi na εbεyε wͻn sε, deε wͻpε no na εyε kyεn (Nyankopͻn ne Ne somafoͻ deε) no. Obia ͻbεyε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ (asɛm ho) asoͻden no, nokorε sε (saa nipa no) ayera yera pefee paa.
37(Nkͻmhyεni), kae εberε nso a woka kyerεε obi a Nyankopͻn adom no, na wonso w’adom no no sε: “Ka wo yere no bata wo ho, na suro Nyankopͻn.” Nanso wode deε Nyankopͻn bεda no adie no ahyε w’akoma mu, na wosuro nnipa, na Nyankopͻn na εwͻ ho kwan sε wosuro no. Enti εberε a Zaid guu ͻne (Zainab) awadeε no, Yεde (ͻbaa) no maa wo (Nkͻmhyεni) awadeε sεdeε (daakye bi no) εnkͻ yε asεm mma agyidiefoͻ no fa wͻn nkͻdaa a wͻte wͻn nkyεn yerenom awadeε ho wͻ εberε a wͻn agu awadeε no. Nyankopͻn ahyεdeε na εbεyε hͻ.
38Soboͻ biara nni Nkͻmhyεni no so wͻ deε Nyankopͻn ayε no nhyε ama no, anaasε Wama no ho kwan ho; (εyε) Nyankopͻn sa a Watwa ato hͻ ama wͻn a watwa mu korͻ no. Nyankopͻn ahyεdeε ne nhyehyεε a εbεyε hͻ.
39Wͻn a wͻbͻ Nyankopͻn Nsεm no ho dawuro na wͻsuro no no, wͻnsuro obiara ka Nyankopͻn ho. Na Nyankopͻn som bo wͻ nkontabuo mu.
40Ɛnyε mo mmarima no mu biara agya ne Muhammad, na mmom (ͻyε) Nyankopͻn Somafoͻ ne Nkͻmhyεfoͻ no (nyinaa) nea otwa toͻ. Nyankopͻn na Onim biribiara.
41Mo a moagye adie, monkaekae Nyankopͻn, na moma (ne ho) nkaekaeε no nnͻͻso bebree,
42Na montontom no anͻpa ne anwummerε.
43Ɔno na Ɔne N’asoro abͻfoͻ hyira mo, sεdeε Obeyi mo afri esum mu akͻ εhyεn no mu. Ɔyε Mmͻborͻhunufoͻ ma agyidiefoͻ no.
44Ɛda a wͻbɛhyia no no, wͻn nkyea (a abͻfoͻ no de bεkyea wͻn) ne ‘Salaam’: Asomdwoeε; Wasiesie animuonyam akatua nso ama wͻn.
45Nkͻmhyεni, nokorε Yɛasoma wo sε Ɔdanseni ne Anigyesɛm ne Kͻkͻbͻni ho bɔfoɔ,
46Ne ͻfrεfrεni a ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ wͻ N’akwamma mu, ne Kanea a εhyerεn.
47Hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ sε, nokorε wͻn wͻ adom kεse a efri Nyankopͻn hͻ.
48Na hwԑ na wantie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na εnfa wͻn haw no nyε asεm, na fa wo ho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
49Mo a moagye adie, sε moware agyidiefoͻ mmaa no na mogyae wͻn aberε a monya mfaa mo ho nkaa wͻn a, monni Idda biara wͻ wͻn ho a mobεsesee. Na mmom monsum wͻn na mo ma wͻnkͻ no kwan pa so.
50Nkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo w'ayerenom a watua wͻn tiri aseda no ho kwan, ne (mfenaa) a wͻyε wodea a Nyankopͻn de ama wo wͻ asadeε mu, εne wopapanom nua mma mmaa, ne wo nsewaanom mma mmaa, ne wo maame nua mmarima mma mmaa a wo ne wͻn tuu amantuo, ne gyedieni baa, sε ͻde ne ho ma Nkͻmhyεni, na sε Nkͻmhyεni pε sε ͻware no a, (woi) wͻ wo nko ara, agyidiefoͻ no nka ho. Ampa sε Yɛnim deε Yɛayε no nhyε ama (agyidiefoͻ no) wͻ wͻn ayerenom ho ne (wͻn mfenaa) wͻn a wͻyε wͻn dea no ho, sεdeε biribiara mmεda wo soͻ, efrisε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.
51Wotumi twe wᴐn mu nea wopε sensԑn, gye nea wopε, na εnyε bͻne biara ma wo sε wobεfrε obi a watwe no (asensεn) a wopε. Woi na εbεn sε wode bεkyekyere wͻn werε, na wͻnni awerεhoͻ na wͻn mu biara ani bεgye deε wode ama wͻn no ho. Nyankopͻn Nim deε εwͻ mo akoma mu (nyinaa). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Ntoboaseε Hene.
52(Mmaa a yɛakyerε mu yi) akyi, wonni ho kwan (sε woware ͻbaa biara bio), anaasε wobεsesa ͻbaa akͻfa foforͻ, sε wͻn ho yε wo anigye mpo a, gyesε (mfenaa) no a wͻyε wo dea no. Nyankopͻn deε ͻwεn biribiara.
53Mo a moagye adie, monhwε na moankͻ Nkͻmhyεni fie (basabasa), gyesε yεfrε mo adidi, na εnyε sε morekͻ twεn ama no aben. Na mmom sε yεfrε mo a εneε monkͻ, na sε modidi wie a monhwete nkͻ, na monhwε na moantena hͻ sε moredi nkͻmmͻ. Nokorε sε (saa suban) no ha Nkͻmhyεni nanso ͻfεre mo, na Nyankopͻn deε Ɔnfεre nokorε no. Sε morebisa ne yerenom hͻ (biribi) a monyina ntwaremuu akyi na momisa, εno mmom na εyε koronkron de ma mo akoma ne wͻn akoma. Monni ho kwan sε mobεha Nyankopͻn Somafoͻ anaasε mobεware ne yere wͻ ne (wuo) akyi da. Nokorε sε woi yε asεm kεseε wͻ Nyankopͻn hͻ.
54Sε moda biribi adi o, anaasε mode suma o, nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
55Ɛnyε bͻne mma (mmaa no) sε (wͻnngu akatatire wͻ) wͻn papa anim, anaa wͻn mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmarima nom anim anaa wͻn nua mmarima mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmaa mma mmarima anim, anaa wͻn ara mmaa anim, anaa wͻn mfenaa anim, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn di biribiara ho adanseε.
56Nokorε sε Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ hyira Nkͻmhyεni. Mo a moagye adie, monsrε nhyira mma no na monkyea no wͻ asomdwoeԑ mu.
57Nokorε sε, wͻn a wͻhyε Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no abufuo no, Nyankopͻn adome wͻn wͻ wiase ne Daakye, na Wasiesie animguaseε asotwee ato wͻn hͻ.
58Wͻn a wͻhyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no nso abufuo wͻ deε wͻn nnyͻeε ho no, wͻbεsoa ntwatosoͻ (nkontompo, ne adanse wia) ne bͻne a εda adi pefee (ho asotwee wͻ Atemmuada).
59Nkͻmhyεni, ka kyerε woyerenom, ne womma mmaa, ne agyidiefoͻ maa no sε: Wͻmfa wͻn akatasoͻ no nkata wͻn ho so nyinaa. Saa na εyε sεdeε yεbɛhu wͻn, na (obi) nnha wͻn. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
60Sε nkͻnkͻnsafoͻ no, ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻdi nsekuro no a wͻn wͻ Madina no annyae (wͻn suban bͻne no) a, Yεde wͻn bεhyε wo nsa, na wͻntumi ne wo mmͻ afipam wͻ (kuro no) mu gyesε (berε) tiaa bi.
61Yɛadome wͻn; baabiara a yεnsa bεka wͻn no yεbεkye wͻn aku wͻn kum paa
62Nyankopͻn kwan a εda hͻ wͻ wͻn a wͻadikan atwa mu kͻ no ho ne no; na wonhunu nsakraeε wͻ kwan a Nyankopͻn atwa ato hͻ no mu.
63Nnipa no rebisa wo Dͻnhwere no ho asεm. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε Nyankopͻn nko ara hͻ na εwͻ”. Na deεn na εbεkyerε wo sε ebia Dͻnhwere no abεn?
64Nokorε sε Nyankopͻn adome boniayεfoͻ no, na Wasiesie Ogya tanaa ato hͻ ama wͻn.
65Emu na wͻbεtena afe bͻͻ, na wͻnnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara).
66Ԑda a yεbԑdane wͻn anim abutu egya no mu no, wͻbεka sε: “Sε yɛhunui a anka yεyεε sotie maa Nyankopͻn san yεε sotie maa Ͻsomafoͻ no”.
67Wͻbεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, yɛdii yεn nhemfo ne yεn mpanimfoͻ nom akyi εna wͻyeraa yεn frii kwan (tenenee) no soͻ”.
68Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): “Ma wͻn asotwee no mmͻho mmienu, na fa nnomee a εsoo paa dome wͻn.”
69Mo a moagye adie, monhwε na moanyε sε wͻn a wͻhyεε Mose abufuo na Nyankopͻn sanee ne ho firi deε wͻka (de too no soͻ) no ho no; na ͻyε (onipa a) ͻwͻ animuonyam wͻ Nyankopͻn hͻ.
70Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn na (εberε biara mu no) monka kasa pa.
71Ɔbεma mo nnwuma ayε yie ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo; na obi a ͻbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, εyε nokorε a esipi sε wadi nkonim a εsoo paa.
72Nokorε sε, Yεde nhwεsodeε maa ͻsoro ne asaase ne mmepͻ, nanso wͻn ampene sε wͻbεgye ato wͻn ho soͻ, na wͻnyaa ho suro, εna onipa gye soaeε. Nokorε sε, ͻyε omimfo, ogyegyentwie.
73Sεdeε Nyankopͻn bεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no aso, na Ͻbεgye agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no adwen sakra. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.