الروم
The Romans • 60 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Alif – Laam – Miim.
2Romafoͻ no adi nkoguo-
3Wͻ asaase bi a εbεn no so; na wͻn nkoguo no akyi no wͻbɛdi nkonim -
4Wͻ mfeɛ tiaa bi akyi. Onyankopͻn hͻ na ahyεdeε a edikan ne deε edi akyire no wͻ. Saa da no na agyidiefoͻ no nso ani bεgyeε.
5Onyankopͻn mmoa, Ͻde boa obi a Ͻpε, Ͻno na Otumi ade nyinaa yε, Mmͻborͻ-hunufoͻ Hene ne no.
6(Woi yε) Nyankopͻn bͻhyε; Nyankopͻn deε Ɔmmu Ne bͻhyε so, nanso nnipa pii nnim.
7Deε εda adi wͻ wiase asetena yi mu no na wͻnim, na Daakye no deε wͻn adwen nni so.
8Anaasε εyε a wͻnnwen (nnkͻ akyiri) wͻ wͻn mu? Nyankopͻn de nokorε no na abͻ ᴐsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii no, (εwͻ) berε a yɛahyε ato ho. Nokorε sε, nnipa pii na wͻnnye wͻn Wura Nyankopͻn Nhyiamu (da) no nnie.
9Anaasε wͻnntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeɛ wɔn a wɔdii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻn ho yε den kyεn wͻn (Quraishfoͻ no), wͻfuntam asaase no tuu mu agudeε, dͻre hyεε asaase so mma kyεn sεdeε wͻn ahyε asaase no so mma no; wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn. Nyankopͻn deε Wanyԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻyԑԑ wͻn ho bᴐne.
10Enti awieε bͻne paa na wͻn a wͻyεε bͻne no wieε, efrisε, wͻfaa Nyankopͻn nsεm no atorͻsεm, na na wͻdi ho fεw.
11Nyankopͻn na Ɔhyεε abͻdeε aseε, εna Ɔsan bͻ no bio, afei Ne hͻ na mo bεsan akͻ.
12Ɛda a Dͻnhwere no bεsoo no abͻneεfoͻ no bεpa aba.
13Wͻnya ntwitwagyefoͻ biara wͻ wͻn a wͻde wͻn bataa Nyankopͻn ho no mu, na wͻbεpo wͻn mmatahoo no.
14Ɛda a Dͻnhwere no bεsoo no, saa Da no yεbεpaepae wͻn ntεm.
15Wͻn a wͻagye adie na wͻredi dwuma pa no bεgye wͻn ani wͻ Aheman no mu.
16Wͻn nso a wͻannye annie na wͻfaa Yεn Nsεm no, ne Me Daakye nhyia mu no atorͻsεm no, sa nkorͻfoͻ no bεba asotwee no mu.
17Enti bͻ Nyankopͻn abodin wͻ εberε a adeε bεsa mo, ne εberε a adeε bεkye mo;
18Ɔno na ͻsoro ne asaase so ayeyie wͻ no wͻ εberε a onwunu bεdwoͻ ne εberε a owia bɛgyina.
19Ɔno na Ɔyi ateasefoͻ firi awufoͻ mu, εna Ɔyi awufoͻ nso firi ateasefoͻ mu, εna Ɔnyane asaase wͻ ne wuo akyi. Saa ara na mobɛpue (afri asaase mu) aba (wͻ Daakye Atemmuda).
20Ne nsεnkyerεnee no mu bi ne sε, Ɔbͻͻ mo firi mfuturo mu, afei hwε, mo ayε nnipa ahwete (wͻ asaase so).
21Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Wabͻ yerenom afiri mo mu ama mo sεdeε mobɛnya awerεkyekyerε wͻ wͻn ho; εna Ɔde ͻdͻ ne ahummͻborͻ ato mo ntεm. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma wͻn a wͻkaekaeԑ.
22Ne nsεnkyerεnee no mu bi nso ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne mokasaa ne mo honam a egu sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma nimdeԑfoͻ no.
23Mo nna a moda wɔ anadwo ne adekyeɛ mu no ka Onyame ɛnsɛnkyerɛnee ho, ɛna N'adom a mo rehwehwɛ, Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wɔn a wɔyɛ sotie.
24Na Ne Nsenkyerennee ahoroa no bi ne sɛ Ɔkyerɛ mo anyinam osuro ne anidasoɔ nti, na Ɔma nsuo firi soro ba fam na Ɔde nyane asaase no wɔ newuo akyi, Ampa ara sɛ wei mu no, wɔwɔ nsɛnkyerɛnnee dema nnipa a wɔ yɛ Badweneba.
25Na ne nsɛnkyerɛnnee bi ne sɛ ɔsoro ne asaase nyinaa gyina wɔ ne nhyehyɛeɛ ne Ne tumi mu , Afei, sɛ ɔfrɛ mo kɔ ɔfrɛ bi ɛfiri asaase so a, ɛntɛmso na mo repue pue.
26Na obiara a ɔwɔ ɔsoro ne asaase no wɔ Nyame (yɛ Onyankopɔn dea), wɔn nyinaa yɛ osetie ma Onyankopɔn.
27Na Ɔno na Ɔhyɛ adebo ase, afei Ɔsan bɔ ade bio, na ɛyɛ mmerɛ ma No, na Ɔno na Ɔwɔ nhwɛso a ɛkorɔn sen biara wɔ ɔsoro ɛne asaase so, na Ɔno ne Otumfoo, Nyansafoo
28Ɔyɛ nhwɛso ma mo fi mo ankasa mu, Ana mowɔ ahokafoɔ wɔ wɔn Nkoa ne Mfinaa a wɔ ne wɔn rekyɛ wɔn agyapade anaa? Na mosuro wɔn sɛdeɛ mosuro mo ho no, Saa na Yɛkyerɛkyerɛ nsɛnkyerɛnnee (Aaya) ahorow no mu kɔ akyiri ma nnipa a wɔte ase Badwenebafo.
29Daabi, wͻn a wͻdi bͻne akyi no di wͻn apεdeε hunu akyi a nimdeε biara nni mu. Enti hwan na ͻbεkyerε obi a Nyankopͻn ayera no no kwan? Saa (nkorͻfoͻ no) nni boafoͻ.
30Enti dane w’ani kyerε ͻsom a εtenee no (Islam); (na fa wo ho ma) suban anaasε ͻsom a Nyankopͻn abͻ onipa asi soͻ no. Nsakraeε biara nni Nyankopͻn som no mu. εno ne ͻsom a εtenee na edi mmu na esi pi, nanso nnipa pii nnim.
31Monfa mo ho ma no korakora wͻ adwen sakra mu, na monsuro no, na monfrε Nyame wͻ ne berε mu, na monhwε na moankͻka wͻn a wͻyɛ (Nyame ho) matahoo no ho,
32Wͻn a wͻn akyekyε wͻn som no mu na wͻgu akuo-akuo, na fekuo biara anigye deε ne nsa aka no ho no.
33Sε ͻhaw bi to nnipa a, wͻsu frε wͻn Wura Nyankopͻn, brε wͻn ho ase ma no; na sε Ɔma wͻka ahummͻborͻ bi firi Ne hͻ hwε a, wobɛhunu sε wͻn mu bi de biribi abata wͻn Wura Nyankopͻn ho,
34Sεdeε wͻbεpo deε Yεde ama wͻn no. Enti modeε monye mo ani na εnkyεre koraa mobɛhunu.
35Anaasε Yɛasiane tumii anaasε nyinasoͻ (Nwoma) bi ama wͻn a wͻgyina so de kasa fa deε wͻde abata Nyankopͻn ho no ho?
36Sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε a, na wͻn ani agye wͻ ho; na sε bͻne bi to wͻn wͻ dwuma a wͻn nsa adi ato wͻ anim no ho nti a, wobɛhunu sε wͻn aba mu abuo.
37Anaasε wͻnhunuu sε Nyankopͻn ma akyɛdeɛ no bu obi a Ɔpε so, εna obi nso Osusu de ma no? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma amanfoͻ a wͻgye die.
38Enti monfa abusuafoͻ asεdeε ma wͻn, (na monfa) ahiafoͻ ne akwantufoͻ (nso asεdeε ma wͻn). Saa na εyε paa ma wͻn a wͻrepε Nyankopͻn hͻ animuonyam no. Saa nkorᴐfoᴐ no ne nkonimdifoͻ no.
39Deε mode ma sε nsiho sεdeε εbεbͻ ho (ama mo) wͻ amanfoͻ sika mu no deε, enya mmͻhoo wͻ Nyankopͻn hͻ; na deε moyi no wͻ Zaka mu de hwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam no, woi nom na wͻbɛnya no mmͻhoo-mmͻhoo.
40Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbͻ mo akͻnhoma, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na afei Wasan anyane mo aba nkwa mu (bio). Enti wͻn a mode wͻn bata (Nyame) ho no betumi ayε woi nom mu bi? Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.
41Bͻne rekᴐso wͻ asaase so ne ͻpo so εnam deε nnipa nsa ayε nti, sεdeε Ɔbεma wͻn aka deε wͻn ayε no mu bi ahwε, sεdeε εbεyε na wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn bͻne no ho).
42(Nkͻmhyεni), ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻdii kan no awieε si wieε”. Na wͻn mu dodoͻ no ara yε (nnipa) a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho.
43Enti fa w’ani kyerε ͻsom (Islam) a εtenee na edi mmu na esi pi no, ansa na Ɛda a efri Nyankopͻn hͻ no a (obiara) ntumi nsi ho kwan no aba. Saa Da no yεbεkyekyε wͻn mu akuo akuo.
44Obi a ͻbɛyi boniayε no, ne boniayε no da ͻno ara so, na obi a ͻbɛdi dwuma pa no, wͻn kraa na wͻresiesie (asetena pa) ama no.
45Sεdeε ͻbɛfiri N’adom mu atua wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ka. Nokorε sε Nyankopͻn mpε boniayεfoͻ no asεm.
46Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Ɔsoma mframa sε anigyesεm sεdeε Ɔbεma mo aka N’ahummͻborͻ no mu bi ahwε, ne sεdeε nsuom hyεn bɛtumi anante wͻ N’ahyεdeε mu, ne sεdeε mo bεhwehwε N’adom na mobɛyi ayε.
47Ampa sε, Yedii kan somaa asomafoͻ dii w’anim kan maa wͻkͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn; na Yɛtuaa wͻn a wͻdii bͻne no so ka. Ԑyε Y’asεdeԑ sε Yεboa agyidiefoͻ no.
48Nyankopͻn na Ɔsoma mframa ma no kͻ kanyan mununkum na Watrε mu wͻ soro sεdeε Ɔpε, afei na Wayε no asinasin a εtaataa soͻ, afei wobɛhunu sε nsuo firi (mununkum) no mfifii reba. Sε Ɔma no tͻ gu Ne nkoa no mu wͻn a Ɔpε so a, wobɛhunu sε wͻn ani agyeε.
49Na nsuo no nnya nntͻ mmaa wͻn no, na wͻn abamu adikan abu ansa na nsuo no retͻ.
50Enti hwε sεdeε Nyankopͻn nsεnkyerεnee no si yε, sεdeε ɛsi nyane asaase wͻ ne wuo akyi. Nokorε sε saa ara na Ɔbɛnyane awufoͻ no. Ͻno na Ͻwͻ biribiara so tumi.
51Sε Yεsoma mframa (a εsεe wͻn mfudeε no), na wͻhunu sε (wͻn mfudeε no) aboto wͻ akyire yi (a nsupa tͻ maa wͻn mfudeε yεε fεfεεfε no a) wͻyi boniayε.
52Enti (Nkͻmhyεni), wontumi mma awufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma asosifoͻ nte frε no wͻ abrε a wͻadane wͻn akyi ama rekͻ.
53Wontumi nkyerε anifirafoͻ nso kwan mfri wͻn yera no mu. Nea wobɛtumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn nsεm no die na wͻyε Muslim (brε wͻn ho ase ma Nyankopͻn).
54Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a na moyε mmrε (tesε nkͻdaa a na monni ahoͻden), εna mo mmrε yε akyiri no Ͻmaa mo ahoͻden, εna ahoͻden no akyiri no (Ɔma mo san) yε mmrε fu dwono (bͻ nkͻkora posoposo). Ɔbͻ deε Ɔpε. Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no.
55Ɛda a Dͻnhwere no bɛsie no, abͻneεfoͻ no bɛdi nse sε: Wͻtenaa (wiase) bεyε sε dͻnhwere baako pε bi. Saa ara na na wͻdane wͻn ho firi kwan pa no so, di atorͻ, yε nneεma a εmfata.
56Wͻn a yɛama wͻn nimdeε ne gyidie no nso bεka sε: “Motenaa (nna dodoͻ) sεdeε Nyankopͻn ahyehyε, de kosii Wusͻreε da no; enti εnnε ne Wusͻreε da no, nanso modeε monnim”.
57Enti saa Da no deε, wͻn a wͻdi bͻne no kyεwpa no ho mma mfasoͻ, na yεmma wͻn kwan (sε wͻbεpa kyεw) anaasε wͻbεsrε bͻnefakyε.
58Ampa sε Yɛayε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma. Nanso sε wode nsεnkyerεnee bi brε wͻn a, nokorε sε wͻn a wͻyi boniayԑ no bεka sε: ”Moyε nkontompofoͻ “.
59Saa ara na Nyankopͻn si wͻn a wͻnnim no akoma.
60Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; na εmma wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no mmͻ wo ngu anaasε wͻmmu w’aba mu.