الدخان
The Smoke • 59 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Haa – Miim.
2Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε:
3Nokorε, Yɛsanee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Yεbͻ (nnipa) kͻkͻ.
4(Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mu biara ho ntotoeε-
5Ahyεdeε a ɛfiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yεsoma Asomafoͻ.
6(Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no.
7Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfini Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a.
8Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Ɔkum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no.
9Aane, wͻn adwen nsi wͻn pi, εna wͻredi agorͻ.
10Enti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no,
11Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Wei yε asotwee a εyε ya paa.
12YɛWura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yεyε agyediefoͻ.
13Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee,
14Nanso wͻdane wͻn ho firi ne ho, na wͻka sε: obi na ɛkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ?
15Nokorε sε, Yɛbɛyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu.
16Ɛda a Yεbεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yεbɛtua wͻn bͻne no so ka
17Nokorε sε Yεsͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻdii wͻn anim kan no hwεɛe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ-
18(Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no ma me“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.
19Na monhwε na moamma mo ho so wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo.
20Mehwehwε ntwitwagyeε firi me Wura ne mo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monsi me aboͻ nku me.
21Sε monnye me nni a monyae me komm.
22Enti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ”.
23(Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo.
24(Sε wo ne wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no, Nokorε sε, (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn.
25Turo ne asutire dodoͻ sεn na wͻgyaaε?
26Ne mfuo ne adan pa,
27Ne nnepa a na wͻn anigye ho no;
28Saa na εteε. Yεmaa nnipa foforͻ bεtenaa wͻn anan mu.
29Enti ͻsoro ne asaase ansu wͻn, na yɛamma wͻn berε.
30Ampa sε Yεgyee Israel mma no firii animguaseε asotwee no mu.
31(Yεgyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho.
32Ampa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻkyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so)
33Yεmaa wͻn nsεnkyerεnee nso a nsͻhwε pefee wͻ mu.
34Nokorε sε saa nkorͻfoͻ (Quraishfoͻ) yi ka sε:
35“Ɛno ara ne yɛwuo a edi kan no, na yɛnnyane yεn mfiri owuo mu bio.
36Sε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afiri owuo mu bio a) εneε momfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra”.
37Saa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻdii wͻn anim kan noa? Yεsεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻyε abͻneεfoͻ.
38Ɛnnyε agodie nti na Yεbͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii no.
39Yɛammͻ ne mmienu wͻ (agorͻ so) na mmom nokorε nti, nanso wͻn mu pii nnim.
40Nokorε sε Aseni Da no yε εberε a yɛahyε ama wͻn nyinaa,
41(Ɛyε) Da a adamfoͻ ho mma mfasoͻ mma adamfoͻ bi, na wͻnnya mmoa nso.
42Gyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.
43Nokorε sε, dua Zaquum,
44Yε abͻneεfoͻ no aduane.
45Ɛtesε yaawa a yɛanane; ehuru wͻ (wͻn) yafunu mu,
46Tesε nsuohyeε a εrehuro.
47(Yεbεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii;
48Na afei monhwie nsuohyeε asotwee ngu ne tiri so.
49“Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no.
50Nokorε sε wei na na moadwen nsi pi wͻ ho no.
51Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ baabi a ahotᴐ wͻ.
52Wͻ Aheman ne nsubͻnten mu.
53Wͻfirafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim.
54Saa (na εbεyε). Na Yεde mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho.
55Wͻde ahotᴐ bεfrε aduaba biara a (wͻpε).
56Wͻnka owuo nhwε (bio), gyesε owuo a edii kan no (ara), na Ɔbεbͻ wͻn ho ban afiri Amanehunu gya no asotwee no mu.
57(Wei yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no.
58Ampa sε Yɛama (Qur’aan yi) ayε mmrε wͻ wo kεterεma so sεdeε wͻbεkae.
59Enti wodeε twεn; nokorε sε wͻn (nso) retwεn.