Al-'Alaq

العلق

The Clot19 ayahsMeccan

بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

ٱقۡرَأۡ بِٱسۡمِ رَبِّكَ ٱلَّذِي خَلَقَ﴿١

1Bͻ wo Wura Nyankopͻn a Ɔbͻͻ adeε no din na kenkan;

خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ مِنۡ عَلَقٍ﴿٢

2(Wo Wura Nyankopͻn a) Ɔbͻͻ onipa firii mogya a abͻ toa mu.

ٱقۡرَأۡ وَرَبُّكَ ٱلۡأَكۡرَمُ﴿٣

3Kenkan na wo Wura Nyankopͻn ne Adom Hene no,

ٱلَّذِي عَلَّمَ بِٱلۡقَلَمِ﴿٤

4Ɔno na Ɔde twerεdua kyerε adeε,-

عَلَّمَ ٱلۡإِنسَٰنَ مَا لَمۡ يَعۡلَمۡ﴿٥

5Kyerε onipa adeε a onnim.

كَلَّآ إِنَّ ٱلۡإِنسَٰنَ لَيَطۡغَىٰٓ﴿٦

6Daabi, nokorε sε onipa te atua,

أَن رَّءَاهُ ٱسۡتَغۡنَىٰٓ﴿٧

7Efiri sε, ͻhwε ne ho sε ͻsombo.

إِنَّ إِلَىٰ رَبِّكَ ٱلرُّجۡعَىٰٓ﴿٨

8Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn hͻ ne (onipa) nnkyi.

أَرَءَيۡتَ ٱلَّذِي يَنۡهَىٰ﴿٩

9Wahunu obi a osi-

عَبۡدًا إِذَا صَلَّىٰٓ﴿١٠

10(Nyankopͻn) dͻnkͻ no kwan εberε a ɔrefrɛ Nyame?

أَرَءَيۡتَ إِن كَانَ عَلَى ٱلۡهُدَىٰٓ﴿١١

11Wahunu sε saa (nipa) no wͻ ͻkwan tenenee so?

أَوۡ أَمَرَ بِٱلتَّقۡوَىٰٓ﴿١٢

12Anaa sε ͻhyε (amanfoͻ) sε wͻnsuro Nyame nyε ahwεyie?

أَرَءَيۡتَ إِن كَذَّبَ وَتَوَلَّىٰٓ﴿١٣

13Wahunu sε obu (Nokorε) no sε atorͻsεm dane n’akyi dema?

أَلَمۡ يَعۡلَم بِأَنَّ ٱللَّهَ يَرَىٰ﴿١٤

14Anaa sε onnim sε Nyankopͻn hunu (biribiara)?

كَلَّا لَئِن لَّمۡ يَنتَهِ لَنَسۡفَعَۢا بِٱلنَّاصِيَةِ﴿١٥

15Daabi, sε wannyae a, Yεbεsͻ ne moma puaa no mu;

نَاصِيَةٖ كَٰذِبَةٍ خَاطِئَةٖ﴿١٦

16Nkontomponi, debͻneεni moma puaa no.

فَلۡيَدۡعُ نَادِيَهُۥ﴿١٧

17Na ͻnfrε n’aboafoͻ.

سَنَدۡعُ ٱلزَّبَانِيَةَ﴿١٨

18Na Yεbεfrε (Amanehunu gya no mu Abͻfoͻ) Zabaaniya.

كَلَّا لَا تُطِعۡهُ وَٱسۡجُدۡۤ وَٱقۡتَرِب۩﴿١٩

19Daabi, (Nkͻmhyεni) entie no, na mmom wodeε fa w’anim butu fam na twe wo ho bεn (Onyankopͻn).

RELATED SURAHS