الذاريات
The Scattering Winds • 60 ayahs • Meccan
بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
1Mede (mframa den a) etu mfutro hwete,
2Ne mununkum a εsoa nsuo a emu yε duro,
3Ne nsuom hyεn a εnam po so bͻkͻͻ,
4Ne (Soro abͻfoͻ) no a wͻkyekyε ahyεdeε no, di nse sε:
5Ampa, deε yahyε mo ho bͻ no yε nokorε paa.
6Nokorε nso sε Akatua (da) no besi.
7Mede ͻsoro a akwan ahodoͻ wͻ mu no di nse sε:
8“Nokorε sε, mowͻ nsεm sononko-sononko (na moka fa Nkͻmhyεni ne Qur’aan ho).
9Obi a wayera na ͻdane neho (fri Nokorε no ho no) dane neho fri ho.
10Due nka wͻn a wͻbͻ wͻn trim twa, nkontompo no.
11Wͻn a wͻn wͻ anibianaso ne awerεfire mu no.
12Wͻbisa (dedi fεw) sε: “Ɛberε bεn ne Owusͻreε da no?’’
13Ɛne Ɛda no a yεbεsͻ wͻn ahwε anaasε yεbεhyε wͻn aniεyaa wͻ Ogya no mu no.
14(Yεbεka akyerε wͻn sε): “ Monka monsͻhwε no a na morepε no ntεm no nhwε“.
15Nokorε sε Nyame-surofoͻ no wͻ Soro aheman no ne nsuo aniwa mu,
16Wͻregye deε wͻn Wura Nyankopͻn dema wͻn no. Nokorε sε kane no na wͻyε ayεmyεfoͻ.
17Na (εberε) ketewaabi na na wͻde da wͻ anadwo,
18Na ahomakye no wͻde srε (Nyankopͻn hͻ) bͻnefakyε.
19Na adesrεfoͻ ne ahiafoͻ wͻ kyεfa wͻ wͻn agyapadeε mu.
20Nsεnkyerεnee (pii) wͻ asaase so dema wͻn a wͻgye die no.
21Ɛne mo nipa dua no mu nso; enti mo nnhunu anaa?
22Ɔsoro na moakͻnhoma ne deε yahyε mo ho bͻ no wͻ.
23Enti Mede ͻsoro ne asaase Wura no di nse sε, (deε yahyε mo ho bͻ no) yε nokorε sεdeε morekasa no ara pεpεεpε.
24Enti Abraham ahͻhoͻ nimuonyamfoͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ?
25Ɛberε a wͻbaa nehͻ no, wͻkaa sε: “‘Salaam’ Asomdwiε nka wo“.(Abraham nso) kaa sε: “Salaam: Asomdwiε nka mo”; moyε ahͻhoͻ a yenni mo.
26Enti ͻdanee neho kͻͻ nefiefoͻ hͻ de nantwie a wadͻre nam a yahoͻ (anaasε yatotoo) bae.
27Ɔde besii wͻn anim kaa sε: ”Adεn monnidi?”
28Enti onyaa wͻn ho suro bi. (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Ensuro! Wͻ’de abarimaa nimdefoͻ bi (Is’haaq) hyεε no bͻ “.
29Abraham yere (Saratu) de nteamu fri bae, na ͻbͻͻ (ͻno ara) aniso kaa sε: Aberewa bonini.
30Wͻkaa sε: “Saa ara na wo Wura Nyankopͻn aka. Nokorε sε Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne Onimdefoͻ no.
31Abraham kaa sε: “Asomafoͻ, na mo amaneε paa ne sεn?”
32Wͻkaa sε: “Y’asoma yεn wͻ amanfoͻ nnebͻneεfoͻ bi hͻ,
33Sε yεnkͻto aboͻ a yεde nεteε a yatoo na ayε ngu wͻn so.
34(Aboͻ a yεde nεteε a yato na ayε a) yahyε no nso fri wo Wura Nyankopͻn hͻ dema abͻneεfoͻ no (a obiara din wͻ nedeε soͻ)“.
35Enti Yeyii obiara a na ͻyε gyedieni frii mu.
36Na Yε nnyaa efie biara gyesε (efie) baako pε na na εyε Muslimifoͻ (fie).
37Enti Yε gyaa nsεnkyerεnee wͻ hͻ maa wͻn a wͻ’suro asotwee yaaya no.
38Mose hͻ nso, εberε a Yεde nyinasoͻ pefee somaa no kͻͻ Farao hͻ,
39Nanso (Farao) de neho too netumi so kaa sε: “Nkoyaayini anaasε ͻbͻdamfoͻ”.
40Enti Yεpari sͻͻ ͻne nedͻm no mu, na Yεde wͻn guu ͻpo mu; na ͻyε obi a ͻfata soboͻ.
41Aadfoᴐ no hᴐ nso , εberε a Yεsomaa mframa nini no baa wͻn soͻ.
42Adeε biara nnihͻ a εtoo no na egyaee no, na mmom ebubuu mu yεε no muhumuhu tesε nsoo (anaa kasεε a ahunu).
43Samuudfoͻ no hͻ nso; εberε a yεka kyerεε wͻn sε: “Modeε monye moani nkosi εberε bi “.
44Nanso wͻtee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε no so atua. Enti nteamu asotwee no sͻͻ wͻn mu aberε a na wͻn ani tua.
45Wͻn antumi ansͻre anyina (wͻn nan so), na wͻn antumi ammoa wͻn ho nso.
46Na Noa nkorͻfoͻ na wͻdii kan; na wͻyε nnipa nsεmͻnedifoͻ.
47Yεde Yetumi na esii ͻsoro no, na nokorε sε, Yεn ara na Yεbae (ͻsoro) ntrεmu no mu.
48Ɛna Yεde asaase no nso asε hͻ; na sεdeε Yasi atrε mu yie paa.
49Adeε biara no Yabͻ no mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε) sεdeε mobεkaeε.
50Enti monwane nkͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε meyε kͻkͻbͻni pefee fri Nehͻ mamo.
51Na monhwε na moanyε awurade foforͻ biara anka Nyankopͻn ho. Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻni pefee fri Nehͻ mamo.
52Saa ara nso na Asomafoͻ a wͻbaa amanfoͻ a wͻdii wͻn anim kan no hͻ no, wͻka kyerεε wͻn sε wͻyε nkoyaayifoͻ anaasε wͻn abobͻ adam.
53(Tetefoͻ no) na wͻtuu wͻn fo saa anaa? Daabi, wͻn ara yε nnipa a wͻto mmara.
54Enti twe woho fri wͻn ho, na yεmmͻ wo soboͻ.
55Na tufo, efrisε afutuo no ho wͻ mfasoͻ ma agyidiefoͻ no.
56Ɛnyε hwee ho nti na Mebͻͻ Jinn ne nnipa, na mmom (Mebͻͻ wͻn) sε wͻ’nsom Me.
57Mennhwehwε akͻnhoma biara wͻ wͻn hͻ, na mennhwehwε nso sε wͻ’ma Me biribi nni.
58Nokorε sε, Nyankopͻn ne Ɔkyε adeε Hene; Otumfoͻ Ɔhoͻdenfoͻ paa ne no.
59Nokorε sε, wͻn a wͻ’di bͻne no wͻ bͻne so asotwee tesε wͻn a wͻ’dii kan wͻ wͻn anim no ara pεpεεpε; enti εmma wͻn mpre ho sε Memfa (asotwee no) mmra.
60Enti due nka wͻn a wͻ’po (nokorε) no wͻ wͻn Da a yahyε wͻn ho bͻ no mu.